40Asɛm firi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn berɛ a awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ de no firi Rama+ kɔeɛ no. Berɛ a ɔfaa no no, na wɔde abankaba agu ne nsa, na na ɔka Yerusalem ne Yuda nnommum a wɔde wɔn rekɔ nkoasom mu wɔ Babilon no nyinaa ho.+
10 Ɔno nso, wɔtuu n’ase kɔeɛ; ɔkɔɔ nkoasom mu.+ Na wɔtetee ne mma mu wɔ mmɔnten ntwea so nyinaa;+ wɔbɔɔ n’animuonyamfoɔ so ntonto,+ na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu n’atitire nyinaa.+