Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 32:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 M’abufuo mu gya asɔ,+

      Na ɛbɛhye akɔsi Adamena* ase tɔnn.+

      Ɛbɛhye asase ne ɛso nneɛma,+

      Na ɛde gya ato mmepɔ nnyinasoɔ mu.+

  • 2 Ahemfo 25:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Na ɔhyee Yehowa fie+ ne ahemfie+ no ne Yerusalem afie+ nyinaa; ɔde gya hyee+ otitire biara fie.

  • Dwom 89:46
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 46 O Yehowa, wode w’anim bɛhunta akɔsi da bɛn? Afebɔɔ anaa?+

      W’abufuo bɛkɔ so adɛre sɛ gya?+

  • Yesaia 42:25
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 25 Enti ɔhwiee n’anibereɛ, n’abufuo ne ɛko mu abufuhyeɛ guu ne so.+ Na ɛdɛre twaa ne ho hyiaeɛ,+ nanso wanhunu;+ ɛhyee no, nanso wamfa anhyɛ n’akomam.+

  • Yeremia 4:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Momma wɔntwa mo twetia mma Yehowa na montwa mo akoma twetia,+ mo Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ, na mo nneyɛɛ bɔne nti m’abufuo amfiri adi sɛ egya ammɛhye a obiara nni hɔ a ɔbɛdum no.”+

  • Yeremia 7:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 Ɛno nti, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ! Wɔbɛhwie m’abufuo ne m’abufuhyeɛ agu ha+ yi ne adasamma ne afieboa ne wuram nnua+ ne asase so aba so; ɛbɛhye na ɛrennum.’+

  • Kwadwom 4:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Yehowa ada n’abufuo nyinaa adi awie.+ Wahwie n’abufuhyeɛ agu.+

      Ɔde gya ato Sion mu, na ahye ne fapem nyinaa.+

  • Hebrifoɔ 12:29
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 29 Ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn te sɛ egya a ɛhye adeɛ+ nso.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane