Kwadwom
א [ʼAʹleph]
4 O hwɛ sɛdeɛ sika kɔkɔɔ a ɛbere, sika+ amapa no, ayɛ tumm!
O aboɔ kronkron+ no, hwɛ sɛdeɛ wɔato apansam mmɔnten so baabiara!+
ב [Behth]
2 Sion mma+ a wɔn boɔ yɛ den a wɔkarii wɔn sɛ sika amapa no,
Hwɛ sɛdeɛ wɔabu wɔn sɛ dɔteɛ anwenneɛ, ɔnwemfoɔ nsa ano adwuma!+
ג [Giʹmel]
3 Sakraman mpo ma wɔn mma nufoɔ. Wɔma wɔn mma nom.
Me man babaa deɛ, wadane otirimuɔdenfoɔ+ sɛ serɛ so sohori.+
ד [Daʹleth]
ה [Heʼ]
ו [Waw]
6 Me man babaa bɔne ho asotwe sõ sene Sodom+ bɔne ho asotwe no;
Wɔn na wɔbutuu wɔn mpofirem a nsa biara ammoa wɔn.+
ז [Zaʹyin]
ח [Chehth]
8 Afei deɛ, wɔn anim ayɛ tumm sene gyabidie. Sɛ nnipa hunu wɔn mmɔnten so a, wɔnhu wɔn.+
Wɔn honam afemfam wɔn nnompe ho.+ Akyenkyene sɛ dua.
ט [Tehth]
9 Wɔn a wɔtotɔ nkrantɛ ano no,+ wɔn deɛ yɛ sene wɔn a ɛkɔm kunkum wɔn no,+
Ɛfiri sɛ nnɔbaeɛ a ɛnni afuo so nti yeinom aboto sɛdeɛ obi ahwire wɔn mu.
י [Yohdh]
10 Mmaa a wɔwɔ ayamhyehyeɛ mpo de wɔn nsa anoa wɔn ara wɔn mma.+
Wɔbɛyɛɛ awerɛkyekyerɛ aduane, me man babaa sɛeɛ berɛ no.+
כ [Kaph]
11 Yehowa ada n’abufuo nyinaa adi awie.+ Wahwie n’abufuhyeɛ agu.+
Ɔde gya ato Sion mu, na ahye ne fapem nyinaa.+
ל [Laʹmedh]
12 Asase so ahemfo ne wiase nnipa nyinaa annye anni+
Sɛ ɔsɛefoɔ ne ɔtamfo bɛba abɛhyɛn Yerusalem apono mu.+
מ [Mem]
נ [Nun]
14 Wɔnenam mmɔnten so basabasa+ sɛ anifirafoɔ.+ Mogya agu wɔn ho fĩ,+
Enti obi ntumi nsɔ wɔn ntadeɛ mu.+
ס [Saʹmekh]
15 Wɔteam kyerɛ wɔn sɛ, “Montwe mo ho! Mo ho agu fĩ!+ Montwe mo ho! Montwe mo ho! Monnka yɛn!”+
Wɔadane adedamfikyi.+ Wɔnenam basabasa nso.+ Nkurɔfoɔ aka no amanaman no mu sɛ: “Wɔrenkɔ so ntena ha bio.+
פ [Peʼ]
16 Yehowa na abɔ wɔn ahweteɛ.+ Ɔrenhwɛ wɔn anim bio.+
Asɔfoɔ no mpo, nnipa renhu wɔn mmɔbɔ.+ Wɔrenhu nkɔkoraa nso mmɔbɔ.”+
ע [ʽAʹyin]
17 Yɛte aseɛ yi, yɛahwɛ ɔboafoɔ kwan ama yɛn ani abu.+
Sɛ yɛtoto yɛn ani a, ɛkɔtɔ ɔman a ɛntumi nnye yɛn nkwa anim.+
צ [Tsa·dhehʹ]
18 Wɔtoa yɛn anammɔn+ na yɛannante yɛn mmɔnten so.
Yɛn awieeɛ abɛn. Yɛn nna ahi, na yɛn awieeɛ aduru.+
ק [Qohph]
ר [Rehsh]
20 Yɛn hwene mu home+ no, deɛ Yehowa asra no no,+ wɔakye no wɔn amena kɛseɛ mu;+
Ɔno na yɛaka ne ho asɛm sɛ: “Yɛbɛtena ne nwunu+ ase amanaman no mu.”+
ש [Sin]
21 O Edom+ babaa a wote Us+ asase soɔ, di ahurisie+ na wo ho nsɛpɛ wo.
Wo nso, wɔde kuruwa no bɛma wo.+ Wobɛnom abo na woayi w’adagya so.+
ת [Taw]