Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yeremia 5:31
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 31 Adiyifoɔ no hyɛ nkɔntorɔ;+ asɔfoɔ no nso, wɔde wɔn ahoɔden di nkurɔfoɔ so.+ Me man nso pɛ no saa.+ Na awieeɛ no, mobɛyɛ dɛn?”+

  • Yeremia 6:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 “Ɛfiri wɔn mu kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, obiara pɛ mfaso bɔne;+ ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ so, wɔn nyinaa nni nokorɛ.+

  • Yeremia 14:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔntorɔ na adiyifoɔ no rehyɛ no me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasaeɛ.+ Atorɔ anisoadehunu ne abosonkɔm ne adehunu+ ne wɔn akomam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ mo nkɔm.+

  • Yeremia 23:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 “Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ mpo ho agu fĩ.+ Mahunu wɔn bɔne no wɔ me fie+ nso,” Yehowa asɛm nie.

  • Kwadwom 2:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Ahuhudeɛ ne nnaadaa anisoadeɛ na w’adiyifoɔ hunu maa woɔ,+

      Wɔanyi wo mfomsoɔ adi ankyerɛ wo, anka woankɔ nkoasom mu.+

      Ahuhudeɛ ne nnaadaa atemmuo na wɔhunu maa woɔ.+

  • Mika 3:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Emu atitire gye adanmudeɛ bu atɛn,+ na emu asɔfoɔ kyerɛkyerɛ gye akatua,+ na emu adiyifoɔ gye sika hyɛ nkɔm;+ nanso wɔde wɔn ho to Yehowa so ka sɛ: “Ɛnyɛ Yehowa na ɔwɔ yɛn mu yi?+ Mmusuo biara remma yɛn so.”+

  • Sefania 3:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 N’adiyifoɔ yɛ dwɛɛ, na nkontompo ayɛ wɔn mã.+ N’asɔfoɔ agu akronkronneɛ ho fĩ, na wɔabu mmara no kɔn mu.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane