Yeremia 2:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Asɔfoɔ no mpo ammisa sɛ, ‘Yehowa wɔ he?’+ Wɔn a wɔkura mmara no nso, na wɔnni me.+ Nnwanhwɛfoɔ no nso buu me mmara so,+ na adiyifoɔ no hyɛɛ nkɔm wɔ Baal din mu,+ na wɔn a wɔamfa mfasoɔ biara ammrɛ wɔn na wɔdii wɔn akyi.+ Yeremia 5:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 “Wɔapo Yehowa na wɔka sɛ, ‘Ɔnni hɔ.+ Mmusuo bi remma yɛn so, na yɛrenhunu nkrantɛ anaa ɛkɔm nso.’+ Yeremia 5:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Adiyifoɔ no hyɛ nkɔntorɔ;+ asɔfoɔ no nso, wɔde wɔn ahoɔden di nkurɔfoɔ so.+ Me man nso pɛ no saa.+ Na awieeɛ no, mobɛyɛ dɛn?”+ Yeremia 23:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Monntie adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo no nsɛm.+ Wɔrema moadane ahuhudeɛ.+ Wɔn akoma so anisoadehunu na wɔka,+ ɛmfiri Yehowa anom.+ Yeremia 27:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Na adiyifoɔ a wɔreka nsɛm yi kyerɛ mo sɛ, ‘Morensom Babilon hene’+ no, monntie wɔn, ɛfiri sɛ nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo.+ Yeremia 29:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 ‘Nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo me din mu. Mensomaa wɔn,’+ Yehowa asɛm nie.”’” Hesekiel 13:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 “Onipa ba, hyɛ Israel adiyifoɔ a wɔrehyɛ nkɔm no ho nkɔm,+ na ka kyerɛ wɔn a wɔfiri wɔn ara wɔn akomam hyɛ nkɔm+ no sɛ, ‘Montie Yehowa asɛm.+
8 Asɔfoɔ no mpo ammisa sɛ, ‘Yehowa wɔ he?’+ Wɔn a wɔkura mmara no nso, na wɔnni me.+ Nnwanhwɛfoɔ no nso buu me mmara so,+ na adiyifoɔ no hyɛɛ nkɔm wɔ Baal din mu,+ na wɔn a wɔamfa mfasoɔ biara ammrɛ wɔn na wɔdii wɔn akyi.+
12 “Wɔapo Yehowa na wɔka sɛ, ‘Ɔnni hɔ.+ Mmusuo bi remma yɛn so, na yɛrenhunu nkrantɛ anaa ɛkɔm nso.’+
31 Adiyifoɔ no hyɛ nkɔntorɔ;+ asɔfoɔ no nso, wɔde wɔn ahoɔden di nkurɔfoɔ so.+ Me man nso pɛ no saa.+ Na awieeɛ no, mobɛyɛ dɛn?”+
16 Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Monntie adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo no nsɛm.+ Wɔrema moadane ahuhudeɛ.+ Wɔn akoma so anisoadehunu na wɔka,+ ɛmfiri Yehowa anom.+
14 Na adiyifoɔ a wɔreka nsɛm yi kyerɛ mo sɛ, ‘Morensom Babilon hene’+ no, monntie wɔn, ɛfiri sɛ nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo.+
2 “Onipa ba, hyɛ Israel adiyifoɔ a wɔrehyɛ nkɔm no ho nkɔm,+ na ka kyerɛ wɔn a wɔfiri wɔn ara wɔn akomam hyɛ nkɔm+ no sɛ, ‘Montie Yehowa asɛm.+