Kwadwom
5 O Yehowa, kae deɛ aba yɛn soɔ.+ Hwɛ, na hunu yɛn ahohora.+
2 Wɔadane yɛn agyapadeɛ ama ahɔhoɔ; wɔde yɛn afie ama ananafoɔ.+
3 Yɛayɛ nnyanka; yɛnni agya.+ Yɛn maamenom te sɛ akunafoɔ.+
4 Yɛn ara yɛn nsuo a yɛnom, yɛtua ho ka.+ Nnyina a yɛsɔ, yɛtɔ.
5 Yɛn ataafoɔ kura yɛn kɔn akyi.+ Yɛabrɛ, nanso yɛnnya ahomegyeɛ.+
6 Yɛde yɛn nsa+ ama Egypt;+ yɛde ama Asiria+ na ama yɛanya aduane adi amee.
7 Yɛn agyanom na wɔyɛɛ bɔne.+ Wɔnni hɔ, nanso yɛn na yɛasoa wɔn bɔne.+
8 Nkoa na wɔdi yɛn soɔ.+ Obi nni hɔ a ɔbɛgye yɛn afiri wɔn nsam.+
9 Yɛde yɛn kra to yɛn nsam de hwehwɛ aduane,+ nkrantɛ a ɛwɔ serɛ soɔ no nti.
10 Yɛn wedeɛ adɔ kɔɔ sɛ fononoo, ɛkɔm a ano yɛ hyeɛ no nti.+
11 Wɔabrɛ Sion mmaa,+ Yuda nkuro mu mmaabunu no ase.
12 Wɔkyekyeree mmapɔmma nsa sensɛnee wɔn.+ Wɔanni nkɔkoraa mpo anim ni.+
13 Mmeranteɛ maa oyuyammoɔ so,+ na mmarimaa suntiiɛ berɛ a wɔsõsõ nnyina.+
14 Mpanimfoɔ agyae kuro apono ano tena,+ na mmeranteɛ agyae wɔn sankudwom bɔ.+
15 Yɛn akomam ahurisie agyae. Yɛn asa adane awerɛhoɔ.+
16 Yɛn abotire ayi atɔ fam.+ Yɛnnue, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne!+
19 Na wo Yehowa deɛ, wobɛtena w’ahennwa so akɔsi daa.+ W’ahennwa wɔ hɔ firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.+
20 Adɛn nti na wo werɛ afiri yɛn daapem,+ na woagya yɛn nna pii yi?+
21 O Yehowa, san fa yɛn bra+ wo nkyɛn, na yɛbɛsan aba dodo. Ma yɛn nna nyɛ foforɔ sɛ tete no.+