Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yesaia 30:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 Wɔkɔ Egypt+ na wɔmmisa m’anom asɛm.+ Wɔkɔ sɛ wɔrekɔhyɛ Farao abandenden ase, na wɔakɔhunta Egypt nwunu ase!+

  • Yesaia 31:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 31 Wɔn a wɔkɔ Egypt kɔgye mmoa+ no nnue. Wɔn na wɔde wɔn ho to apɔnkɔ kɛkɛ so+ na wɔde wɔn werɛ hyɛ nteaseɛnam mu,+ ɛfiri sɛ ɛdɔɔso; na wɔn ani da apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare so, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den paa. Na Israel Kronkronni no deɛ, wɔnhuu no, na Yehowa deɛ, wɔnhwehwɛɛ n’akyiri kwan.+

  • Yeremia 2:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 Na afei ɛdeɛn na wobɛnya no Egypt+ kwan so a enti worekɔ akɔnom Sihor mu nsuo yi?+ Na ɛdeɛn na wobɛnya no Asiria+ kwan so a enti worekɔ akɔnom asubɔnten kɛseɛ no mu nsuo yi?

  • Yeremia 2:36
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 36 Adɛn nti na wobu wo kwan a woasesã no sɛ ade ketewa koraa yi?+ Egypt ho nso, w’ani bɛwu+ sɛdeɛ w’ani wuu Asiria+ ho no.

  • Yeremia 44:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Na mɛfa Yuda nkaeɛ a wɔde sii wɔn ani so sɛ wɔbɛkɔ akɔtena Egypt sɛ ahɔhoɔ+ no, na wɔn nyinaa ase bɛtɔre wɔ Egypt asase so.+ Wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, na ɛkɔm+ bɛma wɔn ase ahye, ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so; nkrantɛ ne ɛkɔm ano na wɔbɛwuwuo. Wɔbɛyɛ nnome ne ahodwirideɛ ne ntanka adeɛ ne ahohora.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane