Kwadwom
5 O Yehowa, kae deɛ ato yɛn.
Hwɛ, na hunu yɛn animguaseɛ.+
2 Wɔadane yɛn agyapadeɛ ama ahɔhoɔ; wɔde yɛn afie ama ananafoɔ.+
3 Yɛayɛ nnyanka a yɛnni agya; yɛn maamenom te sɛ akunafoɔ.+
4 Yɛn ara yɛn nsuo a yɛnom mpo, gye sɛ yɛtua ka,+ na yɛn ankasa yɛn anyina a yɛsɔ nso, gye sɛ yɛtɔ.
6 Yɛde yɛn ho ama Egypt+ ne Asiria,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnya aduane a ɛbɛso yɛn adi.
7 Yɛn agyanom a wɔyɛɛ bɔne no nni hɔ bio, nanso yɛn na yɛso wɔn bɔne.
8 Seesei nkoa na ɛdi yɛn so. Obiara nni hɔ a ɔbɛgye yɛn afiri wɔn nsam.
9 Yɛde yɛn nkwa* to yɛn nsam hwehwɛ aduane,+ sekan a ɛwɔ serɛ so no nti.
10 Yɛn wedeɛ adɔ sɛ fononoo, ɛkɔm a ano yɛ hye no nti.+
11 Wɔabrɛ Sion mmaa ase,* Yuda nkuro mu mmaabunu no.+
12 Wɔkyekyeree adehyeɛ nsa sensɛn wɔn,+ na wɔamfa obuo amma mpanimfoɔ.+
13 Mmeranteɛ soa ɛboɔ a wɔyam so adeɛ,* na mmarimaa sunti, anyina a ɛsoso wɔn nti.
14 Mpanimfoɔ nni kuro apono ano bio;+ mmeranteɛ agyae wɔn nnwom bɔ.+
15 Anigyeɛ nni yɛn akoma mu bio; yɛn asa adane awerɛhoɔ.+
16 Ahenkyɛ ayi afiri yɛn ti atɔ fam. Asɛm ato yɛn, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne!
19 Na wo Yehowa deɛ, wobɛtena w’ahennwa so afebɔɔ.
W’ahennwa wɔ hɔ firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.+
20 Adɛn nti na wo werɛ afi yɛn afebɔɔ, na woagya yɛn hɔ berɛ tenteenten saa?+
21 O Yehowa, san fa yɛn bra wo nkyɛn, na yɛbɛsan aba dodo.+
Ma yɛn nna nyɛ foforɔ sɛ tete no.+
22 Nanso woapo yɛn koraa.
Wo bo afu yɛn dendeenden.+