Yesaia 30:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Nanso Farao abandenden bɛdane mo aniwuo+ na Egypt nwunu ase ahuntaeɛ adane mo animguaseɛ.+ Yesaia 31:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Hwɛ, Egyptfoɔ no yɛ nnipa,+ wɔnyɛ Onyankopɔn; na wɔn apɔnkɔ no nso yɛ honam,+ ɛnyɛ honhom. Yehowa bɛtene ne nsa na ɔboafoɔ awatiri, na deɛ wanya mmoa no ahwe ase.+ Wɔn nyinaa awieeɛ bɛba prɛko. Yeremia 37:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Monkɔka nkyerɛ Yuda hene a ɔsomaa mo bɛbisaa me hɔ adeɛ no+ sɛ: “Hwɛ! Farao asraafoɔdɔm a wɔafiri adi reba mo nkyɛn abɛboa mo no bɛsan akɔ wɔn asase so wɔ Egypt.+ Hesekiel 29:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Na Egyptfoɔ nyinaa bɛhunu sɛ mene Yehowa,+ ɛfiri sɛ wɔbɛyɛɛ demmire poma maa Israel fie.+
3 Hwɛ, Egyptfoɔ no yɛ nnipa,+ wɔnyɛ Onyankopɔn; na wɔn apɔnkɔ no nso yɛ honam,+ ɛnyɛ honhom. Yehowa bɛtene ne nsa na ɔboafoɔ awatiri, na deɛ wanya mmoa no ahwe ase.+ Wɔn nyinaa awieeɛ bɛba prɛko.
7 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Monkɔka nkyerɛ Yuda hene a ɔsomaa mo bɛbisaa me hɔ adeɛ no+ sɛ: “Hwɛ! Farao asraafoɔdɔm a wɔafiri adi reba mo nkyɛn abɛboa mo no bɛsan akɔ wɔn asase so wɔ Egypt.+