Kwadwom
א [ʼAʹleph]
1 O kuro a anka nnipa ayɛ mu mã no,+ hwɛ sɛ aka ɔno nko ara!+
Ɔbaa a kane no na ɔwɔ dɔm sene aman nyinaa no,+ hwɛ sɛ wayɛ sɛ okunafoɔ!+
Amanaman mu hemmaa no, hwɛ sɛ wadane afenaa!+
ב [Behth]
ג [Giʹmel]
3 Amanehunu ne nkoadwuma bebrebe+ nti, Yuda kɔ nkoasom mu.+
Wakɔtena amanaman mu.+ Ɔnnya homebea.
N’ataafoɔ nyinaa ato no, ahohia mu.+
ד [Daʹleth]
4 Sion akwan redi awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ obi mma afahyɛ no ase.+
N’aponkɛseɛ nyinaa adeda mpan;+ n’asɔfoɔ resi apini.+
Awerɛhoɔ ahyɛ ne mmaabunu ma, na ɔno nso redi abooboo.+
ה [Heʼ]
5 N’asɛefoɔ abɛdi tire.+ N’atamfo ayi wɔn ani ato nkyɛn.+
Yehowa na ɔde awerɛhoɔ aba ne soɔ, ne mmarato bebrebe no ho.+
Ɛno nti na ne mma nso adi atamfo anim kɔ nkoasom mu no.+
ו [Waw]
6 Sion babaa animuonyam nyinaa atu ayera.+
Ne mpanimfoɔ ayɛ sɛ aforoteɛ a wɔnnya adidibea;+
Wɔnenam ataafoɔ anim a ahoɔden bi nni wɔn mu.+
ז [Zaʹyin]
7 Yerusalem ahokyerɛ nna ne ne manfoɔ adedamfikyi mu no,
Wakae ne kane nna mu afɛfɛdeɛ no nyinaa.+
Berɛ a ne manfoɔ kɔdii atamfo nsam na wannya boafoɔ no,+
Atamfo hunuu no, na wɔseree no n’asehweɛ ho.+
ח [Chehth]
8 Bɔne na Yerusalem ayɛ.+ Ɛno nti na wadane atantanneɛ no.+
Wɔn a wɔdii no ni nyinaa abu no sɛ ade fõ,+ ɛfiri sɛ wɔahunu n’adagya.+
Ɔno nso resi apini+ na wadane ne ho.
ט [Tehth]
9 Ne ho fĩ akeka n’atadeɛ mu.+ Wankae daakye asɛm,+
Na wabɔ fam ama no ayɛ nwanwa. Ɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ bi.+
י [Yohdh]
10 Ɔtamfo atrɛ ne nsam n’afɛfɛdeɛ nyinaa so.+
Wahunu sɛ amanaman aba ne kronkronbea hɔ,+
Wɔn a wohyɛɛ sɛ wɔmmma w’asafo mu no.
כ [Kaph]
11 Ne manfoɔ nyinaa resi apini; wɔrehwehwɛ aduane.+
Wɔde wɔn afɛfɛdeɛ asesa aduane de ama wɔn kra amee.+
O Yehowa, hwɛ na hunu, na madane huhuni.+
ל [Laʹmedh]
12 Mo a moretwam kwan no so nyinaa, enti ɛmfa mo ho? Monhwɛ na monhunu.+
Yea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me yea a aka me yi anaa,+
Ɛyea a Yehowa de aho me werɛ n’abufuhyeɛ+ da no?
מ [Mem]
13 Ɔde gya firi soro aduru me nnompe mu,+ na ɔdi ebiara so nkonim.
Ɔde atena asum me nan fidie.+ Wama masan m’akyi.
Wama mayɛ pasaa. Yareɛ abɔ me da mu nyinaa.+
נ [Nun]
14 Ɔde n’ani asi me bɔne so.+ Abebare ho wɔ ne nsam.
Abɛduru me kɔn mu.+ M’ahoɔden asa.
Yehowa de me ahyɛ wɔn a mentumi nnyina wɔn anim nsa.+
ס [Saʹmekh]
15 Yehowa ato me nnɔmmarima nyinaa afiri me mu agu.+
Wafrɛ nhyiamu atia me sɛ wɔmmubu me mmeranteɛ mu asinasini.+
Yuda babaa, ɔbaabunu no, ne nsã-kyi-amena+ mu na Yehowa atiatia.+
ע [ʽAʹyin]
16 Yeinom ho na merete nisuo.+ M’ani, m’ani rekyĩ nisuo gu fam.+
Ɔwerɛkyekyefoɔ afiri me ho kɔ akyirikyiri, deɛ ɔbɛdwodwo me kra no.
פ [Peʼ]
17 Sion atrɛ ne nsam.+ Ɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ bi.+
Yehowa ahyɛ no Yakob ho sɛ wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa nyɛ n’atamfo.+
Yerusalem adane atantanneɛ wɔn mu.+
צ [Tsa·dhehʹ]
18 Yehowa tene,+ na n’anom asɛm so atua na mateɛ.+
Aman nyinaa, montie na monhunu me yea.
Me mmaabunu ne me mmeranteɛ kɔ nkoasom mu.+
ק [Qohph]
19 Mefrɛɛ m’adɔfo,+ na wɔdaadaa me.
M’asɔfoɔ ne me nkɔkoraa agyaagyaa mu kuro no mu,+
Berɛ a wɔrehwehwɛ biribi adi ama wɔn kra amee no.+
ר [Rehsh]
20 O Yehowa, hwɛ, na me ho akyere me. Me nsono mu hyehye me.+
M’akoma adane abutu wɔ me yam,+ ɛfiri sɛ mate atua kɛseɛ.+
Nkrantɛ akunkum me mma wɔ abɔnten so.+ Na efie nso, owuo na ɛwɔ hɔ.+
ש [Shin]
21 Nkurɔfoɔ ate sɛ meresi apini.+ Menni ɔwerɛkyekyefoɔ bi.+
M’atamfo nyinaa ate m’amanehunu no.+ Wɔbɔ ose, ɛfiri sɛ wo na woayɛ.+
ת [Taw]