2 Berɛsosɛm 36:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Enti ɔmaa Kaldeafoɔ+ hene de nkrantɛ baa wɔn so bɛkunkum wɔn mmeranteɛ+ wɔn kronkronbea+ hɔ, na wanhu aberanteɛ anaa ɔbaabunu, ɔpanin anaa deɛ wagoɔ mmɔbɔ.+ Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ ne nsa. Dwom 74:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Egya mu na wɔato wo kronkronbea no atoɔ.+Wɔagu ntomadan a wo din da soɔ no ho fĩ, na wɔabrɛ no ase akɔduru fam.+ Dwom 79:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 79 O Onyankopɔn, amanaman aba w’agyapadeɛ so;+Wɔagu w’asɔrefie kronkron no ho fĩ;+Wɔama Yerusalem adane amamfõ.+ Yesaia 63:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ɛbɛdii wo man kronkron+ no nsam berɛ tiaa bi. Nanso yɛn atamfo atiatia wo kronkronbea so.+ Yesaia 64:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Wɔahye+ yɛn fie kronkron fɛfɛɛfɛ+ a yɛn agyanom yii wo ayɛ wom no;+ na yɛn agyapadeɛ+ nyinaa asɛe. Yeremia 52:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Na ɔhyee Yehowa fie+ ne ahemfie no ne Yerusalem afie nyinaa;+ ɔde gya hyee efikɛseɛ biara.+ Hesekiel 7:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 “‘Mɛyi m’ani afiri wɔn so,+ na wɔbɛgu m’akoraeɛ ho fĩ, na akorɔmfoɔ bɛba abɛgu ho fĩ.+
17 Enti ɔmaa Kaldeafoɔ+ hene de nkrantɛ baa wɔn so bɛkunkum wɔn mmeranteɛ+ wɔn kronkronbea+ hɔ, na wanhu aberanteɛ anaa ɔbaabunu, ɔpanin anaa deɛ wagoɔ mmɔbɔ.+ Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ ne nsa.
7 Egya mu na wɔato wo kronkronbea no atoɔ.+Wɔagu ntomadan a wo din da soɔ no ho fĩ, na wɔabrɛ no ase akɔduru fam.+
79 O Onyankopɔn, amanaman aba w’agyapadeɛ so;+Wɔagu w’asɔrefie kronkron no ho fĩ;+Wɔama Yerusalem adane amamfõ.+
11 Wɔahye+ yɛn fie kronkron fɛfɛɛfɛ+ a yɛn agyanom yii wo ayɛ wom no;+ na yɛn agyapadeɛ+ nyinaa asɛe.