Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Ahemfo 9:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Na fie yi bɛdane amamfõ,+ na obiara a ɔtwam no de ahodwirie+ bɛhwɛ na wabɔ hwerɛma aka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ asase ne efie yi sei?’+

  • 2 Ahemfo 25:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Na ɔhyee Yehowa fie+ ne ahemfie+ no ne Yerusalem afie+ nyinaa; ɔde gya hyee+ otitire biara fie.

  • 2 Berɛsosɛm 7:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 Na sɛ fie yi dane amamfõ+ a, obiara a ɔtwam no de ahodwirie+ bɛhwɛ na waka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ asase yi ne efie yi sei?’+

  • 2 Berɛsosɛm 36:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Afei ɔhyee nokorɛ Nyankopɔn fie+ no, na ɔdwirii Yerusalem afasuo no guiɛ;+ n’abantenten ne emu nneɛma a ɛsom boɔ+ nyinaa nso, ɔde gya hyeeɛ, na ɔsɛee hɔ pasaa.+

  • Dwom 74:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  8 Wɔka no wɔn akomam, wɔne wɔn asefoɔ, sɛ:

      “Yɛbɛhye Onyankopɔn nhyiamubea no nyinaa wɔ asase no so.”+

  • Dwom 79:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 79 O Onyankopɔn, amanaman aba w’agyapadeɛ so;+

      Wɔagu w’asɔrefie kronkron no ho fĩ;+

      Wɔama Yerusalem adane amamfõ.+

  • Yeremia 26:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 “Mika+ a ɔfiri Moreset+ hyɛɛ nkɔm wɔ Yuda+ hene Hesekia berɛ so, na ɔka kyerɛɛ Yudafoɔ nyinaa sɛ: ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afusase,+ na wɔbɛdwiri Yerusalem asum hɔ,+ na Asɔrefie bepɔ no bɛyɛ sɛ kwaeɛ mu nkokoɔ.”’+

  • Kwadwom 2:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  7 Yehowa ato n’afɔrebukyia atwene.+ Wahura ne kronkronbea ho.+

      Ɔde ne tenabea aban no ahyɛ atamfo nsa.+

      Wɔama wɔn nne so wɔ Yehowa fie sɛ afahyɛ da.+

  • Hesekiel 24:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 ‘Ka kyerɛ Israel fie sɛ: “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Merehura me kronkronbea+ no ho, deɛ mode hoahoa mo ho dendeenden no,+ deɛ mo ani gye ho+ a ɛma mo kra yam hyehye no no. Na mo mma mmarima ne mo mma mmaa a mogyaa wɔn akyire no bɛtotɔ nkrantɛ ano.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane