Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 36:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Nanso wɔkɔɔ so goroo+ nokorɛ Nyankopɔn nkoa no ho buu ne nsɛm animtia,+ na wɔdii n’adiyifoɔ no ho fɛ+ kɔsii sɛ Yehowa abufuo+ baa ne man so a wɔannya ayaresa.+

  • Nehemia 9:33
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 33 Wotene+ wɔ deɛ aba yɛn soɔ nyinaa mu, ɛfiri sɛ woadi nokorɛ+ wɔ deɛ woayɛ mu, na yɛn na yɛayɛ bɔne.+

  • Yeremia 30:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 W’adɔfo nyinaa werɛ afiri wo.+ Ɛnyɛ wo na wɔhwehwɛ w’akyiri kwan. W’amumuyɔ+ bebrebe nti, ɔtamfo abaa na mede ahwe woɔ,+ na otirimuɔdenfoɔ+ asotwe na mede atwe w’aso; wo bɔne adɔɔso.+

  • Kwadwom 1:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 Yehowa tene,+ na n’anom asɛm so atua na mateɛ.+

      Aman nyinaa, montie na monhunu me yea.

      Me mmaabunu ne me mmeranteɛ kɔ nkoasom mu.+

  • Hesekiel 8:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahunu? Ɛyɛ ade ketewa sɛ Yuda fie bɛyɛ abofonodeɛ a wɔreyɛ no ha yi de amumuyɔ+ ahyɛ asase no so mã, na wɔasan abɛyi me ahi de duban* aka me hwene?

  • Daniel 9:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 O Yehowa, wo na tenenee wɔ woɔ, na yɛn deɛ, animguaseɛ na ɛfata yɛn sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi;+ ɛfata Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ nyinaa, wɔn a wɔtete bɛn ha ne wɔn a nokorɛ a wɔanni woɔ nti woabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa soɔ no.+

  • Daniel 9:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 O Yehowa, sɛdeɛ wo tenenee+ nnwuma nyinaa teɛ no, yɛsrɛ wo, ma w’abufuo ne w’anibereɛ nnane mfiri wo kuro Yerusalem, wo bepɔ kronkron+ no so, ɛfiri sɛ yɛn bɔne ne yɛn agyanom mfomsoɔ nti,+ Yerusalem ne wo man adane ahohoradeɛ ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia nyinaa.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane