Yeremia 38:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 “O me wura ɔhene, mmarima yi ayɛ bɔne wɔ deɛ wɔde ayɛ odiyifoɔ Yeremia no nyinaa mu sɛ wɔakɔto no atwene abura mu, ɛfiri sɛ ɛkɔm+ no nti, ɔbɛwu+ wɔ hɔ. Aduane bi nni kuro yi mu bio.” Yeremia 52:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Bosome a ɛtɔ so nnan no da a ɛtɔ so nkron+ no, ɛkɔm no mu yɛɛ den wɔ kuro no mu; ná aduane bi nni hɔ mma ɔmanfoɔ no.+ Kwadwom 2:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Piti a wɔtotɔ wɔ kuro mmɔnten so sɛ atɔfoɔNe wɔn kra a wɔrehwie gu wɔn maamenom kokom nti,Wɔbisa wɔn maamenom sɛ: “Ɛhe na aduane ne bobesa wɔ?”+ Kwadwom 4:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Sukɔm nti, nkɔkoaa kɛtrɛma afemfam wɔn dodom.+Mmɔfra hwehwɛ aduane.+ Na obiara mma wɔn bi.+
9 “O me wura ɔhene, mmarima yi ayɛ bɔne wɔ deɛ wɔde ayɛ odiyifoɔ Yeremia no nyinaa mu sɛ wɔakɔto no atwene abura mu, ɛfiri sɛ ɛkɔm+ no nti, ɔbɛwu+ wɔ hɔ. Aduane bi nni kuro yi mu bio.”
6 Bosome a ɛtɔ so nnan no da a ɛtɔ so nkron+ no, ɛkɔm no mu yɛɛ den wɔ kuro no mu; ná aduane bi nni hɔ mma ɔmanfoɔ no.+
12 Piti a wɔtotɔ wɔ kuro mmɔnten so sɛ atɔfoɔNe wɔn kra a wɔrehwie gu wɔn maamenom kokom nti,Wɔbisa wɔn maamenom sɛ: “Ɛhe na aduane ne bobesa wɔ?”+