Kwadwom
(AWERƐHOƆ DWOM)
א [Aleph]*
1 Kuro* a anka nnipa ayɛ mu ma no,+ hwɛ sɛdeɛ aka ɔno nko ara te hɔ!
Ɔbaa a na ɔwɔ dɔm sene aman nyinaa no,+ hwɛ sɛdeɛ wayɛ sɛ kunafoɔ!
Deɛ na ɔyɛ amanaman mu hemmaa no, hwɛ sɛdeɛ wadane abaawa!+
ב [Beth]
2 Ɛduru anadwo a, esu ara na ɔsu,+ na ne nisuo tene fa n’afono ho.
N’adɔfo nyinaa, baako mpo nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛ.+
Ne nnamfo nyinaa ayi no ama;+ wɔadane n’atamfo.
ג [Gimel]
3 Wɔatu Yuda ase kɔ obi man so,+ na amanehunu ne nhyɛsoɔ amene no wɔ nkoasom mu.+
Amanaman mu na ɔbɛtena;+ ɔrennya homebea biara.
Wɔn a wɔretan n’ani nyinaa akɔto no n’amanehunu mu.
ד [Daleth]
4 Akwan a ɛkɔ Sion redi awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ obiara mma afahyɛ no ase.+
N’apono nyinaa asɛesɛe;+ n’asɔfoɔ regu ahome.
Ne mmaabunu* redi awerɛhoɔ, na ɔreteetee paa.
ה [He]
5 N’atamfo abɛyɛ ne wura;* wɔn a wɔmpɛ n’asɛm ho adwo wɔn.+
Ɛfiri sɛ Yehowa de awerɛhoɔ aba ne so, ne mmarato bebrebe no nti.+
Atamfo akye ne mma de wɔn kɔ.+
ו [Waw]
6 Sion babaa animuonyam nyinaa atu ayera.+
Ne mpanimfoɔ ayɛ sɛ awansane a wɔnnya adidibea;
Wɔayɛ hahaaha nenam deɛ ɔretan wɔn ani no anim.
ז [Zayin]
7 Yerusalem amanehunu ne n’adedamfikyi nna mu no,
Wakae kane nna no mu nneɛma a ɛsom bo a na ɛyɛ ne dea no nyinaa.+
Berɛ a ne manfoɔ kɔdii atamfo nsam na wannya ɔboafoɔ no,+
Atamfo huu no, na wɔseree no wɔ n’ahweaseɛ no ho.+
ח [Heth]
8 Yerusalem ayɛ bɔne kɛseɛ paa.+
Ɛno nti na wadane biribi a ɛyɛ tan no.
Wɔn a na wɔde anidie ma no no, seesei wɔn nyinaa bu no akyiwadeɛ, ɛfiri sɛ wɔahunu n’adagya.+
Ɔno ara nso redi abooboo,+ na ɔde aniwuo adane ne ho kɔ.
ט [Teth]
9 Efĩ a aba ne ho no akeka n’ataadeɛ mu.
Wannwene ne daakye.+
Wahwe ase ama no ayɛ nwanwa; ɔnni obiara a ɔbɛkyekye ne werɛ.
O Yehowa, hwɛ m’amanehunu, na ɔtamfo ama ne ho so.+
י [Yod]
10 Ɔtamfo no de ne nsa ato n’agyapadeɛ nyinaa so.+
Ɛfiri sɛ wahunu* sɛ amanaman awura ne tenabea kronkron hɔ,+
Aman a wokaa sɛ wɔmmma w’asafo mu no.
כ [Kaph]
11 Ne nkurɔfoɔ nyinaa regu ahome; wɔrehwehwɛ aduane.+
Wɔde wɔn nneɛma a ɛsom bo asesa aduane sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtena nkwa mu kɛkɛ.*
O Yehowa, hwɛ na hunu; mayɛ sɛ ɔbaa* a mfasoɔ biara nni ne so.
ל [Lamed]
12 Mo a moretwam wɔ kwan no so nyinaa, enti ɛmfa mo ho?
Monhwɛ na monhunu!
Enti ɛyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ ɛyea a aka me yi,
Ɛyea a Yehowa maa mefaa mu n’abufuhyeɛ da no?+
מ [Mem]
13 Ɔde gya firi soro abɛto me nnompe mu,+ na wadi ebiara so nkonim.
Ɔde atena asum me nan fidie; wama masan m’akyi.
Wama mayɛ ɔbaa a ɔyɛ ankonam.
Yareɛ abɔ me da mu nyinaa.
נ [Nun]
14 Wakyekyere me bɔne sɛ kɔndua; ɔde ne nsa akyekyere abom.
Ɔde ato me kɔn ho; m’ahoɔden asa.
Yehowa de me ahyɛ wɔn a mentumi wɔn no nsa.+
ס [Samekh]
15 Yehowa ato mmarima a wɔn ho yɛ den a wɔwɔ me mu no nyinaa agu.+
Wafrɛ ɛdɔm ahyia sɛ wɔmmɛyam me mmeranteɛ.+
Yuda babaa, ɔbaabunu no, Yehowa atiatia ne so wɔ amena a wɔkyĩ nsã wom mu.+
ע [Ayin]
16 Weinom nti na merete nisuo yi;+ nisuo resene fa m’ani ase waawaa.
Deɛ ɔbɛkyekye me werɛ na wama manya* ahomeka no wɔ akyirikyiri; ɔmmɛn me.
Me mma anidasoɔ nyinaa asa, ɛfiri sɛ ɔtamfo no adi nkonim.
פ [Pe]
17 Sion atrɛ ne nsam;+ ɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara.
Yehowa de ahyɛdeɛ bi a ɛtia Yakob ama n’atamfo a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.+
Yerusalem adane adeɛ a ɛyɛ tan ama wɔn.+
צ [Tsade]
18 Yehowa tene,+ na n’ahyɛdeɛ* na mate so atua.+
Aman nyinaa montie, na monhunu yea a merefa mu.
Wɔakye me mmaabunu* ne me mmeranteɛ kɔ.+
ק [Qoph]
19 Mefrɛɛ m’adɔfo, nanso wɔayi me ama.+
ר [Resh]
20 O Yehowa, hwɛ, na m’amanehunu so.
Me nsono mu retwa me.
M’akoma yɛ me ya wɔ me mu,* ɛfiri sɛ mate atua kɛseɛ.+
Abɔnten a, sekan redi awu;+ efie nso a, owuo nko ara.
ש [Shin]
21 Nkurɔfoɔ ate m’ahomeguo; obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ.
M’atamfo nyinaa ate m’amanehunu.
Wɔn ani agye, ɛfiri sɛ wo na woayɛ.+
Nanso wobɛma ɛda a woahyɛ no aba,+ na wɔn nso bɛyɛ sɛ me ara.+
ת [Taw]
22 Ma wɔn bɔne nyinaa mmɛduru w’anim, na wo ne wɔn nni no yayaaya,+
Sɛdeɛ me bɔne nyinaa nti wo ne me dii no yayaaya no.
M’ahomeguo adɔɔso, na m’akoma yare.