11 Awɛmfoɔ so panin Nebusaradan faa ɔmanfoɔ a wɔaka wɔ kuro no mu, ne wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa Babilon hene no, ne ɔmanfoɔ a wɔaka no kɔeɛ.+ 12 Nanso awɛmfoɔ so panin no gyaa ɔman no mu ahiafoɔ a wɔnni hwee no bi sɛ wɔnyɛ bobe mfuo mu adwuma ne nkoadwuma.+