-
2 Berɛsosɛm 36:17, 18Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
17 Enti ɔmaa Kaldeafoɔ hene+ de sekan baa wɔn so bɛkunkum wɔn mmeranteɛ+ wɔ wɔn tenabea kronkron hɔ,+ na aberanteɛ oo, ɔbaabunu oo, ɔpanin oo, deɛ wago oo, wanhu obiara mmɔbɔ.+ Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ ne nsa.+ 18 Nokorɛ Nyankopɔn no fie nneɛma nyinaa, nketewa ne akɛseɛ, Yehowa fie akoradeɛ, ne ɔhene ne ne mpanimfoɔ akoradeɛ nso, ɔde ne nyinaa kɔɔ Babilon.+
-