Yeremia
52 Sedekia+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 21, na ɔdii adeɛ mfeɛ 11 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Hamutal,+ na na ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna no babaa. 2 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ Yehoiakim yɛeɛ no ara.+ 3 Yehowa abufuo nti na weinom sisii wɔ Yerusalem ne Yuda kɔsii sɛ ɔtoo wɔn firii n’anim tweneeɛ.+ Na Sedekia tee Babilon hene so atua.+ 4 Sedekia ahennie afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du, bosome no da a ɛtɔ so du no, Babilon hene Nebukadnesar* ne n’asraafoɔ nyinaa baa Yerusalem so. Wɔkyekyeree wɔn asoɛeɛ wɔ kuro no ho, na wɔsii akoban* twaa ho nyinaa hyiae.+ 5 Wɔkaa kuro no mufoɔ hyɛɛ wɔn kuro no mu kɔsii Ɔhene Sedekia ahennie afe a ɛtɔ so 11 mu.
6 Bosome a ɛtɔ so nnan no da a ɛtɔ so nkron no,+ ɛkɔm no mu yɛɛ den wɔ kuro no mu, na na aduane biara nni hɔ mma asaase no sofoɔ.+ 7 Ɛwiee aseɛ no, wɔbuu kuro no fasuo guu mu, na asraafoɔ no nyinaa dwane firii kuro no mu anadwo. Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa ɛpono a ɛda afasuo mmienu no ntam no mu, baabi a ɛbɛn ɔhene turo no. Na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Araba kwan so. Saa berɛ no nyinaa, na Kaldeafoɔ no atwa kuro no ho ahyia.+ 8 Na Kaldea asraafoɔ no de mmirika taa Ɔhene Sedekia,+ na wɔkɔtoo no wɔ Yeriko serɛ so, na n’asraafoɔ a wɔwɔ ne nkyɛn nyinaa hweteeɛ. 9 Ɛnna wɔkyee ɔhene no, na wɔde no foro kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla wɔ Hamat asaase so, na ɔbuu no atɛn. 10 Na Babilon hene kunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim, na ɔkunkum Yuda mpanimfoɔ no nyinaa nso wɔ Ribla hɔ. 11 Ɛnna Babilon hene sɛee Sedekia ani maa n’ani firaeɛ.+ Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilon, na ɔde no too afiase kɔsii da a ɔwuiɛ.
12 Bosome a ɛtɔ so nnum, bosome no da a ɛtɔ so du, kyerɛ sɛ, Babilon hene Nebukadnesar* ahennie afe a ɛtɔ so 19 no, awɛmfoɔ so panin Nebusaradan a ɔyɛ Babilon hene somfoɔ no baa Yerusalem.+ 13 Ɔhyee Yehowa fie+ ne ɔhene fie* no ne Yerusalem afie nyinaa dwerɛbee. Afei nso, ɔhyee afie akɛseɛ nyinaa dwerɛbee. 14 Na Kaldea asraafoɔ a wɔka awɛmfoɔ so panin no ho no nyinaa dwirii Yerusalem afasuo a atwa ho ahyia no gui.+
15 Na awɛmfoɔ so panin Nebusaradan faa mmɔborɔwafoɔ a wɔwɔ ɔman no mu no bi, ne ɔmanfoɔ a wɔaka wɔ kuro no mu no, na ɔtuu wɔn ase de wɔn kɔe. Ɔsan faa wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa Babilon hene, ne adwumfoɔ a wɔaka a wɔnim adwuma yie no kaa ho.+ 16 Nanso awɛmfoɔ so panin Nebusaradan gyaa ɔman no mu ahiafoɔ a wɔnni hwee no bi sɛ wɔnyɛ bobe mfuo mu adwuma ne nkoadwuma.+
17 Na Yehowa fie hɔ kɔbere adum,+ ne trɔk a wɔde twe nsuo,+ ne kɔbere Po+ a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no, Kaldeafoɔ no bubuu no asinasini, na wɔde kɔbere no nyinaa kɔɔ Babilon.+ 18 Na deɛ wɔde sesa nsõ, sofi, adumgya, nkyɛnsee,+ nkuruwa,+ ne kɔbere nneɛma a wɔde yɛ adwuma wɔ asɔrefie hɔ no nyinaa, wɔsesaa ɛno nso kɔe. 19 Na asɛn+ ne nkyɛnsee a wɔde egya gu mu ne nkyɛnsee ne deɛ wɔde sesa nsõ ne nkaneadua+ ne nkuruwa ne nkyɛnsee a wɔde sika kɔkɔɔ amapa ayɛ ne deɛ wɔde dwetɛ amapa ayɛ no,+ awɛmfoɔ so panin no sesa kɔe. 20 Na adum mmienu no, Ɛpo no, kɔbere anantwie 12+ a Ɛpo no si wɔn so, ne trɔk a wɔde twe nsuo a Ɔhene Solomon yɛ maa Yehowa fie no, kɔbere a wɔde yɛeɛ no dodoɔ nti, wɔantumi ankari.
21 Adum no, na ebiara tenten yɛ basafa 18,* na ahoma a ne tenten yɛ basafa 12 na ɛtwa ho hyia.+ Ná ne sini anim yɛ nsateaa ano* nnan, na na tokuro da mu. 22 Adum no ntaasoɔ no, kɔbere na wɔde yɛeɛ; ntaasoɔ no baako tenten yɛ basafa nnum;+ atena ne granate akutuo* a ɛtwa ntaasoɔ no ho hyia no, kɔbere na wɔde yɛɛ ne nyinaa. Edum a ɛtɔ so mmienu no nso, saa ara na na ɛteɛ, ɛne granate akutuo no nyinaa. 23 Ná granate akutuo a ɛwowɔ ho no yɛ 96; wɔka ne nyinaa bom a, granate akutuo 100 na na atwa atena no ho ahyia.+
24 Bio nso, awɛmfoɔ so panin no faa ɔsɔfo panin Seraia+ ne n’abadiakyire ɔsɔfo Sefania+ ne apono ano ahwɛfoɔ mmiɛnsa no de wɔn kɔe.+ 25 Nnipa a ɔfaa wɔn firii kuro no mu kɔeɛ no bi nso ne ahemfie panin baako a ɔda asraafoɔ no ano, mmarima nson a wɔwɔ kuro no mu a wɔne ɔhene tu agyina, ɔsahene no twerɛfoɔ a ɔboaboa dɔm ano wɔ asaase no so, ne ɔmanfoɔ no mu mmarima 60 a na wɔda so wɔ kuro no mu. 26 Awɛmfoɔ so panin Nebusaradan faa wɔn de wɔn kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla. 27 Na Babilon hene kunkum wɔn wɔ Ribla+ wɔ Hamat asaase so. Saa na ɛyɛeɛ a wɔtuu Yudafoɔ ase firii wɔn asaase so kɔɔ obi man so.+
28 Wei ne nnipa dodoɔ a Nebukadnesar* tuu wɔn ase de wɔn kɔeɛ: afe a ɛtɔ so nson no mu, Yudafoɔ 3,023.+
29 Nebukadnesar* ahennie afe a ɛtɔ so 18 mu no,+ nnipa* 832 na wɔfaa wɔn firii Yerusalem kɔeɛ.
30 Nebukadnesar* ahennie afe a ɛtɔ so 23 mu no, Yudafoɔ a awɛmfoɔ so panin Nebusaradan tuu wɔn ase de wɔn kɔeɛ no yɛ nnipa* 745.+
Nnipa* a wɔtuu wɔn ase de wɔn kɔeɛ nyinaa si 4,600.
31 Berɛ a wɔkyee Yuda hene Yehoiakin kɔeɛ no, afe a ɛtɔ so 37,+ bosome a ɛtɔ so 12 no da a ɛtɔ so 25 no, Babilon hene Ewil-Merodak, afe a ɔbɛyɛɛ ɔhene no, ɔgyaa Yuda hene Yehoiakin,* na ɔyii no firii afiase.+ 32 Ɔne no kasaa kama, na ɔmaa n’ahennwa so senee ahemfo a aka a wɔka ne ho wɔ Babilon no nhennwa. 33 Enti Yehoiakin yii n’afiase ntaadeɛ, na ne nkwa nna nyinaa, ɔdidii wɔ ɔhene pono so daa. 34 Wɔde aduane firii Babilon hene nkyɛn brɛɛ no da biara, ne nkwa nna nyinaa, kɔsii ɛda a ɔwuiɛ.