8 “‘Na borɔdɔma a ɛnyɛ koraa ma enti wodi a ɛnyɛ yie no,+ deɛ Yehowa aka afa ho nie: “Saa ara na Yuda hene Sedekia+ ne ne mpanimfoɔ ne Yerusalemfoɔ a wɔaka asaase yi so ne wɔn a wɔtete Egypt asaase so no, mɛbu wɔn sɛ wɔnyɛ.+
21 Na mede Yuda hene Sedekia ne ne mpanimfoɔ bɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkunkum wɔn* no nsa ne Babilon hene asraafoɔ a wɔresan wɔn akyi akɔ no nsa.’+
17 Na Ɔhene Sedekia soma kɔfaa no bae, na ɔhene bisabisaa no nsɛm kokoam wɔ ne fie* hɔ.+ Ɔbisaa no sɛ: “Woate asɛm bi afiri Yehowa hɔ anaa?” Ɛnna Yeremia kaa sɛ: “Aane!” Na ɔtoaa so sɛ: “Wɔde wo bɛhyɛ Babilon hene nsa!”+
18 Na sɛ woamfa wo ho ankɔma Babilon hene mpanimfoɔ no a, ɛnneɛ wɔde kuro yi bɛhyɛ Kaldeafoɔ nsa, na wɔde gya bɛhye,+ na worentumi nnwane mfiri wɔn nsam.’”+