Yeremia
38 Na Matan ba Sefatia, ne Pasur ba Gedalia, ne Selemia ba Yukal,+ ne Malkiya ba Pasur+ tee nsɛm a Yeremia reka kyerɛ ɔman no nyinaa no. Ná ɔreka sɛ: 2 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Onipa a ɔbɛtena kuro yi mu no, sekan ne ɛkɔm ne nsanyareɛ a ɛdi awuo* bɛku no.+ Na deɛ ɔde ne ho bɛkɔ akɔma Kaldeafoɔ no deɛ, ɔbɛnya nkwa; ɔbɛnya ne nkwa* sɛ asadeɛ* na ɔbɛtena ase.’+ 3 Deɛ Yehowa aka nie, ‘Deɛ ɛteɛ biara, wɔde kuro yi bɛhyɛ Babilon hene asraafoɔ nsa, na ɔbɛfa.’”+
4 Na mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, ma wɔnkum ɔbarima yi,+ ɛfiri sɛ nsɛm a ɔrekeka kyerɛ asraafoɔ a wɔaka wɔ kuro yi mu ne ɔman no nyinaa no rebu wɔn aba mu.* Ɔbarima yi mpɛ ɔman yi asomdwoeɛ, na mmom mmusuo na ɔrepɛ ama ɔman yi.” 5 Ɔhene Sedekia kaa sɛ: “Hwɛ! Ɔwɔ mo nsam, na ɔhene rentumi nyɛ biribiara nsi mo kwan.”
6 Enti wɔfaa Yeremia too no twenee ɔhene ba Malkiya abura a ɛwɔ Awɛmfoɔ Aban mu no mu.+ Wɔde nhoma sosɔɔ Yeremia mu gyaagyaa no too mu. Ná nsuo nni abura no mu; atɛkyɛ nko ara na na ɛwɔ mu, na Yeremia firii aseɛ sɛ ɔremem wɔ atɛkyɛ no mu.
7 Etiopiani Ebed-Melek+ a na ɔyɛ ahemfie panin* a ɔwɔ ahemfie no tee sɛ wɔde Yeremia ato abura mu. Saa berɛ no, na ɔhene no te Benyamin Pono no ano.+ 8 Enti Ebed-Melek pue firii ɔhene fie* hɔ, na ɔne ɔhene kɔkasaa sɛ: 9 “O me wura ɔhene, deɛ mmarima yi de ayɛ odiyifoɔ Yeremia no yɛ bɔne kɛseɛ paa! Wɔato no atwene abura mu, na ɛkɔm no nti ɔbɛwu wɔ hɔ, ɛfiri sɛ aduane biara nni kuro yi mu.”+
10 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Etiopiani Ebed-Melek sɛ: “Fa mmarima 30 wɔ ha ka wo ho, na monkɔyi odiyifoɔ Yeremia mfiri abura no mu na wanwu.” 11 Enti Ebed-Melek faa mmarima a wɔka ne ho no, na wɔkɔɔ ɔhene fie* hɔ, na wɔkɔɔ adekoradan no ase+ kɔsesaa ntomago ne ntoma dada firii hɔ, na ɔde nhoma sosɔɔ mu gyaagyaa mu maa Yeremia wɔ abura no mu. 12 Ɛnna Etiopiani Ebed-Melek ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Mepa wo kyɛw, fa ntomago ne ntoma a wɔatete mu yi hyehyɛ wo mmɔtoam na nhoma no ammia wo.” Na Yeremia yɛɛ saa. 13 Ɛnna wɔde nhoma no twetwee Yeremia yii no firii abura no mu. Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfoɔ Aban no mu.+
14 Na ɔhene Sedekia soma kɔfaa odiyifoɔ Yeremia baa ne nkyɛn wɔ aboboano kwan a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano wɔ Yehowa fie hɔ. Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Mepɛ sɛ mebisa wo asɛm bi. Mfa biribiara nsie me.” 15 Na Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: “Sɛ meka kyerɛ wo a, deɛ ɛteɛ biara wobɛku me. Na sɛ metu wo fo nso a, worentie.” 16 Enti Ɔhene Sedekia kaa Yeremia ntam wɔ kokoam sɛ: “Sɛ́ Yehowa a wama yɛn nkwa* yi te ase yi, merenkum wo, na meremfa wo nhyɛ mmarima a wɔrehwehwɛ wo aku wo* no nsa.”
17 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: “Deɛ Yehowa, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Sɛ wode wo ho kɔma Babilon hene mpanimfoɔ no a, worenwu,* na wɔremfa gya nhye kuro yi, na wo ne wo fiefoɔ nso bɛtena nkwa mu.+ 18 Na sɛ woamfa wo ho ankɔma Babilon hene mpanimfoɔ no a, ɛnneɛ wɔde kuro yi bɛhyɛ Kaldeafoɔ nsa, na wɔde gya bɛhye,+ na worentumi nnwane mfiri wɔn nsam.’”+
19 Ɛnna Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Mesuro Yudafoɔ a wɔadane kɔ Kaldeafoɔ no afã no. Sɛ wɔde me hyɛ wɔn nsa a, anhwɛ a wɔne me bɛdi no nwonwoonwono.” 20 Na Yeremia kaa sɛ: “Wɔremfa wo nhyɛ wɔn nsa. Mepa wo kyɛw, tie Yehowa asɛm a mereka akyerɛ wo yi, na ɛbɛsi wo yie ama woakɔ so* atena nkwa mu. 21 Na sɛ woamfa wo ho ankɔma wɔn a, deɛ Yehowa ayi akyerɛ me nie: 22 Hwɛ! mmaa a wɔaka wɔ Yuda hene fie* nyinaa, wɔde wɔn bɛpue akɔma Babilon hene mpanimfoɔ,+ na wɔbɛka sɛ,
‘Nnipa a wode wo ho too wɔn so no* adaadaa wo, na wɔadi wo so.+
Wɔama wo nan amem wɔ atɛkyɛ mu.
Na wɔadane wɔn ho kɔ.’
23 Na wɔde wo yerenom ne wo mma nyinaa bɛpue akɔma Kaldeafoɔ no, na worentumi nnwane mfiri wɔn nsam. Babilon hene bɛkye wo,+ na wo nti, wɔde gya bɛhye kuro yi.”+
24 Ɛnna Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Mma obiara nnte asɛm yi ho hwee, na woanwu. 25 Na sɛ mpanimfoɔ no te sɛ me ne wo akasa, na wɔba wo nkyɛn bɛka kyerɛ wo sɛ, ‘Yɛsrɛ wo, ka asɛm a woka kyerɛɛ ɔhene no kyerɛ yɛn, mfa hwee nsie yɛn, na yɛrenku wo,’+ na sɛ wɔbisa wo sɛ ‘ɛdeɛn na ɔhene ka kyerɛɛ wo?’ a, 26 ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Adesrɛ na mede kɔtoo ɔhene anim sɛ ɔnnsan mmfa me nnkɔ Yehonatan fie hɔ bio na manwu wɔ hɔ.’”+
27 Akyire yi, mpanimfoɔ no nyinaa baa Yeremia nkyɛn bɛbisabisaa no nsɛm. Na ɔkaa asɛm a ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ wɔn. Enti wɔne no anka hwee bio, ɛfiri sɛ obiara ante ɔne ɔhene nkɔmmɔ no. 28 Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfoɔ Aban no mu hɔ kɔsii da a wɔko faa Yerusalem.+ Berɛ a wɔko faa Yerusalem no, na ɔda so wɔ hɔ.+