-
Yeremia 21:8-10Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
8 “Na nkurɔfoɔ yi deɛ, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mede nkwa kwan ne owuo kwan resi mo anim. 9 Wɔn a wɔbɛtena kuro yi mu no, sekan ne ɛkɔm ne owuyareɛ na ɛbɛkunkum wɔn. Na obiara a ɔbɛpue de ne ho akɔma Kaldeafoɔ a wɔaka mo ahyɛ mo kuro no mu no renwu, na ɔbɛnya ne nkwa* sɛ asadeɛ.”’*+
10 “‘“Mede m’ani asi kuro yi so; ɛnyɛ adepa na mede bɛba so, na mmom mmusuo,”+ Yehowa asɛm nie. “Wɔde bɛhyɛ Babilon hene nsa,+ na ɔde gya ahye.”+
-