19 Ɔhyee nokorɛ Nyankopɔn fie no,+ na ɔdwirii Yerusalem afasuo no guiɛ;+ kuro no abandenden nso, ɔde gya hyee ne nyinaa, na kuro no mu nneɛma a ɛsom bo nyinaa ɔsɛee no pasaa.+
27 “‘“Na sɛ moantie me ante Homeda no ho, na mosoa nneɛma na mode bɛfa Yerusalem kuro apono mu Homeda a, ɛnneɛ me nso mede gya bɛto n’apono mu, na ɛbɛhye Yerusalem aban a ɛyɛ den no,+ na ɛrennum.”’”+
2 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Kɔ Yuda hene Sedekia+ nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ mede kuro yi bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔde egya ahye.+
10 Sɛ mokunkum Kaldeafoɔ asraafoɔ a wɔne mo reko no nyinaa ma ɛka wɔn mu apirafoɔ mpo a, wɔbɛsɔre afiri wɔn ntomadan mu na wɔde gya abɛhye kuro yi.”’”+