Yeremia
39 Yuda hene Sedekia afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du no, Babilon hene Nebukadnesar* ne n’asraafoɔ nyinaa baa Yerusalem, na wɔbɛtwaa ho hyiae.+
2 Sedekia ahennie afe a ɛtɔ so 11 mu, bosome a ɛtɔ so nnan no da a ɛtɔ so nkron no, wɔbuu kuro no afasuo guu mu.+ 3 Na Babilon hene mpanimfoɔ nyinaa wuraa mu, na wɔkɔtenatenaa Mfimfini Pono no mu.+ Wɔn ne: Nergal-Sareser a ɔyɛ Samgar no, Nebo-Sarsekim a ɔyɛ Rabsaris* no, Nergal-Sareser a ɔyɛ Rabmag* no, ne Babilon hene mpanimfoɔ a aka nyinaa.
4 Berɛ a Yuda hene Sedekia ne asraafoɔ no nyinaa huu wɔn no, wɔdwanee.+ Wɔfirii kuro no mu anadwo. Wɔrekɔ no, wɔfaa ɔhene turo no mu, ɛnna wɔkɔfaa ɛpono a ɛda afasuo mmienu no ntam no mu, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Araba kwan so.+ 5 Nanso Kaldeafoɔ asraafoɔ no taa wɔn, na wɔkɔtoo Sedekia wɔ Yeriko serɛ so.+ Wɔkyee no de no foro kɔmaa Babilon hene Nebukadnesar* wɔ Ribla,+ Hamat asaase so,+ na ɛhɔ na ɔbuu no atɛn. 6 Na Babilon hene maa wɔkunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim wɔ Ribla hɔ, na Babilon hene maa wɔkunkum Yuda adehyeɛ nyinaa nso.+ 7 Afei ɔsɛee Sedekia ani maa n’ani firae. Ɔwieeɛ no, ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔde no kɔɔ Babilon.+
8 Na Kaldeafoɔ no hyee ɔhene fie* no ne ɔmanfoɔ no afie,+ na wɔdwirii Yerusalem afasuo no gui.+ 9 Na awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ faa ɔmanfoɔ a wɔaka wɔ kuro no mu, ne wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa no, ne wɔn a wɔkaeɛ nyinaa, na ɔde wɔn kɔɔ Babilon.
10 Nanso awɛmfoɔ so panin Nebusaradan gyaa ɔman no mu ahiafoɔ a wɔnni hwee no bi wɔ Yuda asaase no so. Saa da no, ɔmaa wɔn bobe mfuo ne nsaase a wɔbɛyɛ so adwuma.*+
11 Na Babilon hene Nebukadnesar* kaa deɛ wɔnyɛ Yeremia kyerɛɛ awɛmfoɔ so panin Nebusaradan. Ɔkaa sɛ: 12 “Momfa no na monhwɛ no; monnyɛ no bɔne biara. Deɛ ɔbɛbisa mo biara, momfa mma no.”+
13 Enti awɛmfoɔ so panin Nebusaradan ne Nebusasban a ɔyɛ Rabsaris,* ne Nergal-Sareser a ɔyɛ Rabmag* ne Babilon hene atitire nyinaa soma 14 maa wɔkɔfaa Yeremia firii Awɛmfoɔ Aban no mu hɔ+ na wɔde no maa Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ sɛ ɔmfa no nkɔ ne fie. Enti ɔtenaa nkurɔfoɔ no mu.
15 Berɛ a Yeremia da so da Awɛmfoɔ Aban no mu hɔ no,+ Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: 16 “Kɔ na kɔka kyerɛ Etiopiani Ebed-Melek+ sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Hwɛ, mmusuo a mekaa sɛ mede bɛba kuro yi so no, merema no aba mu, na ɛrensi wɔn yie; na saa da no, wobɛhunu sɛ asi.”’
17 “‘Nanso saa da no, mɛgye wo,’ Yehowa asɛm nie, ‘na wɔremfa wo mma nnipa a wosuro wɔn no.’
18 “‘Ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɛteɛ biara, mɛyi wo afiri mu, na worenwu wɔ sekan ano. Wobɛnya wo nkwa* sɛ asadeɛ,*+ ɛfiri sɛ wode wo ho too me so,’+ Yehowa asɛm nie.”