-
2 Ahemfo 25:3, 4Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
3 Bosome a ɛtɔ so nnan no da a ɛtɔ so nkron no, ɛkɔm no mu yɛɛ den+ wɔ kuro no mu, na na aduane biara nni hɔ mma asaase no sofoɔ.+ 4 Wɔbuu kuro no fasuo guu mu,+ na asraafoɔ no nyinaa dwane firii kuro no mu anadwo. Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa ɛpono a ɛda afasuo mmienu no ntam no mu, baabi a ɛbɛn ɔhene turo no. Na ɔhene no de n’ani kyerɛɛ Araba kwan so.+ Saa berɛ no nyinaa, na Kaldeafoɔ no atwa kuro no ho ahyia.
-
-
Yeremia 52:6, 7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
6 Bosome a ɛtɔ so nnan no da a ɛtɔ so nkron no,+ ɛkɔm no mu yɛɛ den wɔ kuro no mu, na na aduane biara nni hɔ mma asaase no sofoɔ.+ 7 Ɛwiee aseɛ no, wɔbuu kuro no fasuo guu mu, na asraafoɔ no nyinaa dwane firii kuro no mu anadwo. Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa ɛpono a ɛda afasuo mmienu no ntam no mu, baabi a ɛbɛn ɔhene turo no. Na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Araba kwan so. Saa berɛ no nyinaa, na Kaldeafoɔ no atwa kuro no ho ahyia.+
-