-
Deuteronomium 28:53-57Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
53 Ɛba saa a, ɛsiane sɛ worennya wo ho atwaeɛ na wo tamfo no bɛma wo ho akyere wo nti, wo ankasa wo mma* mmarima ne wo mma mmaa a Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn ama wo no, wɔn na wɔbɛwe wɔn.+
54 “Ɔbarima a ne ho dwo na ɔdwene nnipa ho mpo renhu ne nua ne ne yere a ɔdɔ no ne ne mma a wɔaka mmɔbɔ, 55 na ɛsiane ahokyerɛ ne nhyɛsoɔ a wo tamfo de bɛba wo nkuro no so nti, n’ano aduane bɛbɔ no+ ama no awe ne ba nam, na ɔremma obiara bi. 56 Na ɔbaa a ne ho dwo a tirimdɛ nti ɔmpɛ sɛ ne nan bɛka fam no mpo+ renhu ne kunu a ɔdɔ no ne ne mma mmarima ne ne mma mmaa mmɔbɔ; 57 awoɔ akyi adeɛ a afiri ne nan ntam aba ne ne mma a wawo wɔn no mpo, wɔrenyɛ no mmɔbɔ. Ɔbɛhyɛ kokoam awe ɛfiri sɛ wo tamfo bɛka wo ahyɛ wo kurom ama wo ho akyere wo.
-
-
2 Ahemfo 25:3-7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
3 Bosome a ɛtɔ so nnan no da a ɛtɔ so nkron no, ɛkɔm no mu yɛɛ den+ wɔ kuro no mu, na na aduane biara nni hɔ mma asaase no sofoɔ.+ 4 Wɔbuu kuro no fasuo guu mu,+ na asraafoɔ no nyinaa dwane firii kuro no mu anadwo. Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa ɛpono a ɛda afasuo mmienu no ntam no mu, baabi a ɛbɛn ɔhene turo no. Na ɔhene no de n’ani kyerɛɛ Araba kwan so.+ Saa berɛ no nyinaa, na Kaldeafoɔ no atwa kuro no ho ahyia. 5 Na Kaldea asraafoɔ no de mmirika taa ɔhene no, na wɔkɔtoo no wɔ Yeriko serɛ so, na n’asraafoɔ a wɔwɔ ne nkyɛn nyinaa hweteeɛ. 6 Ɛnna wɔkyee ɔhene no,+ na wɔde no foro kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla, na ɔbuu no atɛn. 7 Wɔkunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim, na Sedekia nso, Nebukadnesar sɛee n’ani maa n’ani firaeɛ. Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilon.+
-