26 Sɛ mema paanoo* ho yɛ den ma mo* a,+ deɛ ɛbɛba ne sɛ mmaa du bɛtõ paanoo wɔ fononoo baako pɛ mu, na wɔbɛkari paanoo ama mo;+ mobɛdidi nso moremmee.+
21 Enti Ɔhene Sedekia kaa sɛ wɔmfa Yeremia nkɔto afiase wɔ Awɛmfoɔ Aban no mu.+ Na wɔmaa no paanoo nkuruwankuruwa a ɛfiri paanootofoɔ borɔno so daa+ kɔsii sɛ kuro no mu paanoo nyinaa saeɛ.+ Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfoɔ Aban no mu hɔ.
16 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, merebɛma aduane ho ayɛ den* wɔ Yerusalem,+ na wɔde ahoyera kɛseɛ bɛdi aduane a wɔakari ama wɔn,+ na wɔde ehu anom nsuo a wɔasusu ama wɔn no.+