-
Yeremia 39:4-7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
4 Berɛ a Yuda hene Sedekia ne asraafoɔ no nyinaa huu wɔn no, wɔdwanee.+ Wɔfirii kuro no mu anadwo. Wɔrekɔ no, wɔfaa ɔhene turo no mu, ɛnna wɔkɔfaa ɛpono a ɛda afasuo mmienu no ntam no mu, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Araba kwan so.+ 5 Nanso Kaldeafoɔ asraafoɔ no taa wɔn, na wɔkɔtoo Sedekia wɔ Yeriko serɛ so.+ Wɔkyee no de no foro kɔmaa Babilon hene Nebukadnesar* wɔ Ribla,+ Hamat asaase so,+ na ɛhɔ na ɔbuu no atɛn. 6 Na Babilon hene maa wɔkunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim wɔ Ribla hɔ, na Babilon hene maa wɔkunkum Yuda adehyeɛ nyinaa nso.+ 7 Afei ɔsɛee Sedekia ani maa n’ani firae. Ɔwieeɛ no, ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔde no kɔɔ Babilon.+
-