-
Yeremia 21:7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
7 “‘“Ɛno akyi no,” Yehowa asɛm nie, “Yuda hene Sedekia, ne ne nkoa, ne ɔmanfoɔ no, ne kuro yi mu nnipa a nsanyareɛ a ɛdi awuo ne sekan ne ɛkɔm no ankunkum wɔn no, mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadnesar* nsa,+ ne wɔn atamfo, ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkunkum wɔn* no nsa. Ɔde sekan bɛkunkum wɔn. Wɔn asɛm renyɛ no awerɛho, ne yam renhyehye no mma wɔn, na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ nso.”’+
-
-
Yeremia 34:18-20Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
18 Na mmarima a wɔabu m’apam so a wɔanni apam a me ne wɔn yɛeɛ no mu nsɛm so, apam a wɔyɛɛ wɔ m’anim berɛ a wɔpaee nantwie ba mu mmienu na wɔfaa ɛfã ne fã no ntam no,+ 19 kyerɛ sɛ, Yuda mpanimfoɔ ne Yerusalem mpanimfoɔ ne ahemfie mpanimfoɔ ne asɔfoɔ ne asaase no sofoɔ nyinaa, wɔn a wɔfaa nantwie ba a wɔapae mu no ntam no: 20 Mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkunkum wɔn* no nsa, na wɔn afunu bɛyɛ aduane ama wiem nnomaa ne asaase so mmoa.+
-