-
2 Ahemfo 25:4-7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
4 Wɔbuu kuro no fasuo guu mu,+ na asraafoɔ no nyinaa dwane firii kuro no mu anadwo. Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa ɛpono a ɛda afasuo mmienu no ntam no mu, baabi a ɛbɛn ɔhene turo no. Na ɔhene no de n’ani kyerɛɛ Araba kwan so.+ Saa berɛ no nyinaa, na Kaldeafoɔ no atwa kuro no ho ahyia. 5 Na Kaldea asraafoɔ no de mmirika taa ɔhene no, na wɔkɔtoo no wɔ Yeriko serɛ so, na n’asraafoɔ a wɔwɔ ne nkyɛn nyinaa hweteeɛ. 6 Ɛnna wɔkyee ɔhene no,+ na wɔde no foro kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla, na ɔbuu no atɛn. 7 Wɔkunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim, na Sedekia nso, Nebukadnesar sɛee n’ani maa n’ani firaeɛ. Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilon.+
-
-
Yeremia 52:7-11Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
7 Ɛwiee aseɛ no, wɔbuu kuro no fasuo guu mu, na asraafoɔ no nyinaa dwane firii kuro no mu anadwo. Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa ɛpono a ɛda afasuo mmienu no ntam no mu, baabi a ɛbɛn ɔhene turo no. Na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Araba kwan so. Saa berɛ no nyinaa, na Kaldeafoɔ no atwa kuro no ho ahyia.+ 8 Na Kaldea asraafoɔ no de mmirika taa Ɔhene Sedekia,+ na wɔkɔtoo no wɔ Yeriko serɛ so, na n’asraafoɔ a wɔwɔ ne nkyɛn nyinaa hweteeɛ. 9 Ɛnna wɔkyee ɔhene no, na wɔde no foro kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla wɔ Hamat asaase so, na ɔbuu no atɛn. 10 Na Babilon hene kunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim, na ɔkunkum Yuda mpanimfoɔ no nyinaa nso wɔ Ribla hɔ. 11 Ɛnna Babilon hene sɛee Sedekia ani maa n’ani firaeɛ.+ Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilon, na ɔde no too afiase kɔsii da a ɔwuiɛ.
-