40Asɛm firi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn berɛ a awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ gyaa no wɔ Rama+ sɛ ɔmfa ne ho nni no. Berɛ a ɔkɔfaa Yeremia baa hɔ no, na wɔde abankaba agu no, na na ɔka Yerusalemfoɔ ne Yudafoɔ a na wɔatu wɔn ase de wɔn rekɔ Babilon no nyinaa ho.
12 Bosome a ɛtɔ so nnum, bosome no da a ɛtɔ so du, kyerɛ sɛ, Babilon hene Nebukadnesar* ahennie afe a ɛtɔ so 19 no, awɛmfoɔ so panin Nebusaradan a ɔyɛ Babilon hene somfoɔ no baa Yerusalem.+