2 Ahemfo 25:6, 7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Ɛnna wɔkyee ɔhene no,+ na wɔde no foro kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla, na ɔbuu no atɛn. 7 Wɔkunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim, na Sedekia nso, Nebukadnesar sɛee n’ani maa n’ani firaeɛ. Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilon.+ Yeremia 37:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Ná Farao asraafoɔ asim firi Egypt reba,+ na Kaldeafoɔ a na wɔabɛtwa Yerusalem ho ahyia no tee ho asɛm. Enti wɔfirii Yerusalem kɔe.+ Kwadwom 4:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Yɛn hwene mu home no, deɛ Yehowa asra no no,+ wɔakye no wɔ wɔn amena kɛseɛ mu;+Ɔno na yɛkaa ne ho asɛm sɛ: “Yɛbɛtena ne nwunu ase wɔ amanaman no mu.”
6 Ɛnna wɔkyee ɔhene no,+ na wɔde no foro kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla, na ɔbuu no atɛn. 7 Wɔkunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim, na Sedekia nso, Nebukadnesar sɛee n’ani maa n’ani firaeɛ. Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilon.+
5 Ná Farao asraafoɔ asim firi Egypt reba,+ na Kaldeafoɔ a na wɔabɛtwa Yerusalem ho ahyia no tee ho asɛm. Enti wɔfirii Yerusalem kɔe.+
20 Yɛn hwene mu home no, deɛ Yehowa asra no no,+ wɔakye no wɔ wɔn amena kɛseɛ mu;+Ɔno na yɛkaa ne ho asɛm sɛ: “Yɛbɛtena ne nwunu ase wɔ amanaman no mu.”