-
Yeremia 39:9, 10Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
9 Na awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ faa ɔmanfoɔ a wɔaka wɔ kuro no mu, ne wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa no, ne wɔn a wɔkaeɛ nyinaa, na ɔde wɔn kɔɔ Babilon.
10 Nanso awɛmfoɔ so panin Nebusaradan gyaa ɔman no mu ahiafoɔ a wɔnni hwee no bi wɔ Yuda asaase no so. Saa da no, ɔmaa wɔn bobe mfuo ne nsaase a wɔbɛyɛ so adwuma.*+
-