Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 36:15, 16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa somaa ne nkoa kɔkasa kyerɛɛ wɔn mprɛ pii, ɛfiri sɛ na ne man ne n’asɔrefie* no yɛ no mmɔbɔ. 16 Nanso wɔkɔɔ so goroo nokorɛ Nyankopɔn nkoa no ho+ buu ne nsɛm animtia,+ na wɔdii n’adiyifoɔ no ho fɛ+ kɔsii sɛ Yehowa abufuo baa ne man so,+ kɔsii sɛ wɔannya ayaresa bio.

  • Nehemia 9:33
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 33 Deɛ aba yɛn so nyinaa mu no, wodi bem ɛfiri sɛ woadi nokorɛ wɔ wo nneyɛɛ mu; yɛn na yɛayɛ bɔne.+

  • Daniel 9:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 O Yehowa, wo deɛ, woyɛ ɔteneneeni, na yɛn deɛ, animguaseɛ mu na yɛwɔ sɛdeɛ ato yɛn nnɛ yi. Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ nyinaa anim agu ase, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri nyinaa, wɔn a wɔanni wo nokorɛ nti woabɔ wɔn ahwete nsaase nyinaa so no.+

  • Daniel 9:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 O Yehowa, wo nnwuma nyinaa tene,+ enti yɛpa wo kyɛw, yi w’abufuo ne w’abufuhyeɛ firi wo kuro Yerusalem, wo bepɔ kronkron no so kɔ, ɛfiri sɛ yɛn bɔne ne yɛn agyanom mfomsoɔ nti, Yerusalem ne wo man anim agu ase wɔ wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no nyinaa anim.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane