-
Yeremia 25:12-14Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 “‘Na sɛ mfeɛ 70 no ba awieeɛ a,+ mɛma Babilon hene ne saa ɔman no abu wɔn bɔne ho akonta,’*+ Yehowa asɛm nie, ‘na mɛma Kaldeafoɔ asaase no ada mpan na ayɛ amamfo afebɔɔ.+ 13 Mɛma me nsɛm a maka atia saa asaase no nyinaa aba asaase no so, nsɛm a wɔatwerɛ wɔ nwoma yi mu nyinaa, deɛ Yeremia ahyɛ ho nkɔm atia amanaman no nyinaa no. 14 Na aman pii ne ahemfo akɛseɛ+ de me nkurɔfoɔ bɛyɛ nkoa,+ na mɛtua wɔn ka sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ ne wɔn nsa ano adwuma teɛ.’”+
-