Yesaia 48:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Menim sɛ woyɛ den+ na wo kɔn yɛ dadeɛ ntini,+ na wo moma yɛ kɔbere,+ Sakaria 7:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Na wɔmaa wɔn akoma+ yɛɛ dendeenden sɛ boɔ, na wɔantie mmara+ ne asɛm a asafo Yehowa nam ne honhom+ so de maa tete adiyifoɔ+ no. Enti asafo Yehowa ani beree wɔn so dendeenden.”+ Marko 10:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo akomaden+ nti na ɔtwerɛɛ saa mmara yi maa mo. Romafoɔ 2:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Nanso mode mo akoma a ayɛ den+ na apirim+ no reboaboa abufuo+ ano aba mo so abufuo da+ ne berɛ a Onyankopɔn bɛyi+ ne tenenee atemmuo+ adie no.
12 Na wɔmaa wɔn akoma+ yɛɛ dendeenden sɛ boɔ, na wɔantie mmara+ ne asɛm a asafo Yehowa nam ne honhom+ so de maa tete adiyifoɔ+ no. Enti asafo Yehowa ani beree wɔn so dendeenden.”+
5 Nanso mode mo akoma a ayɛ den+ na apirim+ no reboaboa abufuo+ ano aba mo so abufuo da+ ne berɛ a Onyankopɔn bɛyi+ ne tenenee atemmuo+ adie no.