-
Yeremia 7:5-7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
5 Na sɛ mosesa mo akwan ne mo nneyɛɛ ampa, na mobu onipa ne ne yɔnko ntam atɛntenenee,+ 6 na sɛ moanhyɛ hɔhoɔ ne agyanka ne okunafoɔ so,+ na moanhwie mogya a ɛdi bem angu wɔ ha, na sɛ moankɔdi anyame foforɔ akyi amfa amanehunu amma mo so a,+ 7 ɛnneɛ mɛma moakɔ so atena ha, asaase a mede maa mo agyanom sɛ wɔntena so afebɔɔ* no.”’”
-