-
Esra 1:1-3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
1 Persia hene Kores+ afe a ɛdi kan mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia so kaeɛ no+ bɛba mu nti, Yehowa kanyan Persia hene Kores* maa no bɔɔ dawuro wɔ n’ahennie nyinaa mu, na ɔsan twerɛɛ+ sɛ:
2 “Sɛdeɛ Persia hene Kores seɛ nie, ‘Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn no, de asaase so ahennie nyinaa ama me,+ na waka akyerɛ me sɛ mensi fie mma no wɔ Yerusalem+ a ɛwɔ Yuda. 3 Obiara a ɔka mo ho a ɔsom no no, ne Nyankopɔn nni n’akyi. Ma no mforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na ɔnsan nkɔsi Yehowa, Israel Nyankopɔn fie a na ɛwɔ Yerusalem no.* Ɔno ne nokorɛ Nyankopɔn no.
-