-
Daniel 4:34, 35Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
34 “Saa berɛ no baa awieeɛ no,+ me, Nebukadnesar, mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene san yɛɛ adwuma; na meyii Ɔsorosoroni no ayɛ, na mekamfoo Deɛ ɔte ase daa no hyɛɛ no animuonyam, ɛfiri sɛ ne tumi yɛ tumi a ɛwɔ hɔ daa, na n’ahennie wɔ hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+ 35 Asaase sofoɔ nyinaa nsɛ hwee mma no, na ɔyɛ deɛ ɔpɛ wɔ ɔsoro asafo ne asaase sofoɔ mu. Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi asi no kwan*+ anaa ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ, ‘Ɛdeɛn na woayɛ yi?’+
-