Esra
1 Persia hene Kores+ afe a ɛdi kan mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia so kaeɛ no+ bɛba mu nti, Yehowa kanyan Persia hene Kores* maa no bɔɔ dawuro wɔ n’ahennie nyinaa mu, na ɔsan twerɛɛ+ sɛ:
2 “Sɛdeɛ Persia hene Kores seɛ nie, ‘Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn no, de asaase so ahennie nyinaa ama me,+ na waka akyerɛ me sɛ mensi fie mma no wɔ Yerusalem+ a ɛwɔ Yuda. 3 Obiara a ɔka mo ho a ɔsom no no, ne Nyankopɔn nni n’akyi. Ma no mforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na ɔnsan nkɔsi Yehowa, Israel Nyankopɔn fie a na ɛwɔ Yerusalem no.* Ɔno ne nokorɛ Nyankopɔn no. 4 Obiara a ɔte baabiara sɛ ɔhɔhoɔ+ no, ma ɛhɔfoɔ mma no dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ahodeɛ, ne nyɛmmoa; afei wɔmfa ayamyɛ afɔrebɔdeɛ biara a wɔwɔ mma no, na ɔmfa nkɔboa nokorɛ Nyankopɔn no fie+ wɔ Yerusalem.’”
5 Ɛnna Yuda ne Benyamin agyanom mmusua mu mpanimfoɔ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ, wɔn a nokorɛ Nyankopɔn no kanyan wɔn* nyinaa, yɛɛ ahoboa sɛ wɔresan akɔsi Yehowa fie a na ɛwɔ Yerusalem no. 6 Wɔn a wɔte bɛn wɔn nyinaa de dwetɛ ne sika kɔkɔɔ nneɛma, ahodeɛ, ne nyɛmmoa ne nneɛma foforɔ a ne boɔ yɛ den brɛɛ wɔn. Ɛno da nkyɛn a, wɔde ayamyɛ afɔrebɔdeɛ nso kɔɔ sɛ wɔmfa nkɔboa Onyankopɔn fie no.
7 Bio nso, Ɔhene Kores de Yehowa fie nneɛma a Nebukadnesar kɔsesa firii Yerusalem de kɔguu ne nyame fie no bae.+ 8 Afei Persia hene Kores de hyɛɛ sika sohwɛfoɔ Mitredat nsa, na ɔkan ne nyinaa twerɛ de maa Yuda abusuapanin Sesbasar.*+
9 Nneɛma no dodoɔ nie: sika kɔkɔɔ nneɛma* 30, dwetɛ nneɛma* 1,000, nneɛma foforɔ 29, 10 sika kɔkɔɔ nkyɛnsee nketewa 30, dwetɛ nkyɛnsee nketewa 410, ne nneɛma a ɛkeka ho 1,000. 11 Sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma no nyinaa si 5,400. Berɛ a Sesbasar ne nnipa a wɔde wɔn kɔɔ Babilon no resan aba+ Yerusalem no, saa nneɛma yi na ɔde baeɛ.