Esra
2 Nnipa a wɔfiri ɔmantam no mu a Babilon hene Nebukadnesar faa wɔn kɔɔ Babilon no,+ weinom na akyire yi wɔsan baa Yerusalem ne Yuda maa obiara kɔɔ ne kurom;+ 2 wɔn na wɔne Serubabel,+ Yesua,+ Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum, ne Baanah baeɛ.
Israel mmarima no dodoɔ nie:+ 3 Paros mma, 2,172; 4 Sefatia mma, 372; 5 Arah+ mma, 775; 6 Pahat-Moab+ mma Yesua ne Yoab fie, 2,812; 7 Elam+ mma, 1,254; 8 Satu+ mma, 945; 9 Sakai mma, 760; 10 Bani mma, 642; 11 Bebai mma, 623; 12 Asgad mma, 1,222; 13 Adonikam mma, 666; 14 Bigwai mma, 2,056; 15 Adin mma, 454; 16 Hesekia aseni Ater mma, 98; 17 Bisai mma, 323; 18 Yora mma, 112; 19 Hasum+ mma, 223; 20 Giba mma, 95; 21 Betlehem mmarima, 123; 22 Netofa mmarima, 56; 23 Anatot+ mmarima, 128; 24 Asmawet mma, 42; 25 Kiriat-Yearim ne Kefira ne Beerot mmarima, 743; 26 Rama+ ne Geba+ mmarima, 621; 27 Mikmas mmarima, 122; 28 Betel ne Ai+ mmarima, 223; 29 Nebo+ mmarima, 52; 30 Magbis mmarima, 156; 31 Elam foforɔ bi mma, 1,254; 32 Harim mma, 320; 33 Lod ne Hadid ne Ono mmarima, 725; 34 Yeriko mmarima, 345; 35 Senaa mmarima, 3,630.
36 Asɔfoɔ no+ nie: Yedaia+ a ɔfiri Yesua+ fie mma, 973; 37 Imer+ mma, 1,052; 38 Pasur+ mma, 1,247; 39 Harim+ mma, 1,017.
40 Lewifoɔ no+ nie: Hodawia asefoɔ Yesua ne Kadmiel+ mma, 74. 41 Nnwontofoɔ no+ nie: Asaf+ mma, 128. 42 Apono ano ahwɛfoɔ mma no+ nie: Salum mma, Ater mma, Talmon+ mma, Akub+ mma, Hatita mma, ne Sobai mma; wɔn nyinaa dodoɔ yɛ 139.
43 Asɔrefie asomfoɔ*+ nie: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma, 44 Keros mma, Siaha mma, Padon mma, 45 Lebana mma, Hagaba mma, Akub mma, 46 Hagab mma, Salmai mma, Hanan mma, 47 Gidel mma, Gahar mma, Reaia mma, 48 Resin mma, Nekoda mma, Gasam mma, 49 Usa mma, Pasea mma, Besai mma, 50 Asna mma, Meunim mma, Nefusim mma; 51 Bakbuk mma, Hakufa mma, Harhur mma, 52 Baslut mma, Mehida mma, Harsa mma, 53 Barkos mma, Sisera mma, Temah mma, 54 Nesia mma, ne Hatifa mma.
55 Solomon nkoa no mma nie: Sotai mma, Soferet mma, Peruda mma,+ 56 Yaala mma, Darkon mma, Gidel mma, 57 Sefatia mma, Hatil mma, Pokeret-Hasebaim mma, ne Ami mma.
58 Asɔrefie asomfoɔ* ne Solomon nkoa no mma nyinaa dodoɔ yɛ 392.
59 Weinom nso na wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adon, ne Imer san baeɛ a wɔantumi ankyerɛ sɛ wɔyɛ Israelfoɔ anaa wɔnyɛ bi, ɛfiri sɛ wɔantumi ankyerɛ wɔn agyanom fie ne mmusua a wɔfiri mu:+ 60 Delaia mma, Tobia mma, Nekoda mma, 652. 61 Wɔn mu asɔfoɔ mma nie: Habaia mma, Hakos+ mma, Basilai mma; ɔno na ɔwaree Gileadni Basilai+ mma mmaa no baako na ɔfaa wɔn din no. 62 Wɔn nyinaa hwehwɛɛ twerɛtohɔ mu de pɛɛ mmusua a wɔfiri mu nanso wɔanhunu. Enti wɔbuu wɔn sɛ wɔmfata sɛ wɔyɛ asɔfoɔ.*+ 63 Amrado* no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔrentumi nni ade kronkron paa+ no bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi bɛma Urim ne Tumim*+ akyerɛ.
64 Nnipa no nyinaa dodoɔ si 42,360,+ 65 wɔn nkoa ne wɔn mfenaa nka ho; wɔn nso dodoɔ yɛ 7,337; afei nso, na wɔwɔ mmarima ne mmaa nnwontofoɔ 200. 66 Ná wɔn apɔnkɔ yɛ 736, na wɔn mfunumupɔnkɔ yɛ 245; 67 wɔn yoma, 435; wɔn mfunumu, 6,720.
68 Berɛ a wɔbɛduruu Yehowa fie wɔ Yerusalem no, agyanom mmusua mu mpanimfoɔ no binom de ayamyɛ afɔreɛ+ baa sɛ wɔmfa nsi nokorɛ Nyankopɔn fie no nsi ne siberɛ.+ 69 Wɔyɛɛ deɛ wɔn ahoɔden bɛtumi de sika kɔkɔɔ drakma* 61,000, dwetɛ mmɛnnaa* 5,000 baa sɛ wɔmfa mmoa adwuma no,+ ne asɔfotaadeɛ 100 sɛ wɔmfa mma asɔfoɔ no. 70 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nnipa no mu binom ne nnwontofoɔ no ne apono ano ahwɛfoɔ ne asɔrefie asomfoɔ* no bɛtenatenaa wɔn nkuro mu, na Israelfoɔ a aka nyinaa* tenatenaa wɔn nkuro mu.+