Esra
3 Berɛ a bosome a ɛtɔ so nson no+ duruiɛ a Israelfoɔ tete wɔn nkuro mu no, ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ho ano yɛɛ baako baa Yerusalem. 2 Yehosadak ba Yesua+ ne ne nuanom asɔfoɔ no ne Sealtiel+ ba Serubabel+ ne ne nuanom sɔre kɔsii Israel Nyankopɔn afɔrebukyia no. Ná wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so sɛdeɛ wɔatwerɛ no nokorɛ Nyankopɔn nipa Mose Mmara+ mu no.
3 Enti wɔsii afɔrebukyia no sii ne siberɛ, ɛmfa ho sɛ na wɔsuro nkurɔfoɔ a wɔtete nsaase a ɛbembɛn hɔ so no.+ Daa na wɔbɔ anɔpa ne anwummerɛ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so ma Yehowa.+ 4 Afei wɔdii Apata* Afahyɛ no sɛdeɛ wɔatwerɛ no,+ na da biara na wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ dodoɔ a mmara no kyerɛ sɛ wɔmmɔ no.+ 5 Ɛno akyi no, wɔbɔɔ daa ɔhyeɛ afɔreɛ,+ abosome foforɔ afɔreɛ,+ ne Yehowa afahyɛ kronkron afɔreɛ,+ na obiara nso a ɔde ayamyɛ afɔrebɔdeɛ+ brɛɛ Yehowa no, wɔde bɔɔ afɔreɛ maa no. 6 Bosome a ɛtɔ so nson no+ da a ɛdi kan no, wɔfirii aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ maa Yehowa, berɛ mpo a na wɔnnya ntoo Yehowa asɔrefie no fapem no.
7 Wɔde sika maa abopaefoɔ+ ne adwumfoɔ,+ na wɔde nnuane ne anonneɛ ne ngo maa Sidonfoɔ ne Tirofoɔ sɛ wɔnkɔfa sida nnua mfa po so mfiri Lebanon nkɔ Yopa+ sɛdeɛ Persia hene Kores ama wɔn kwan no.+
8 Berɛ a wɔbaa nokorɛ Nyankopɔn no fie wɔ Yerusalem no, n’afe a ɛtɔ so mmienu no bosome a ɛtɔ so mmienu no, Sealtiel ba Serubabel ne Yehosadak ba Yesua ne wɔn nuanom a aka, asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne wɔn a na wɔakɔdi obi man so a wɔasan aba Yerusalem no nyinaa+ firii adwuma no ase; wɔde Lewifoɔ a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ no sisii Yehowa fie adwuma no so. 9 Yesua ne ne mma ne ne nuanom, ne Kadmiel ne ne mma ne Yuda mma no boom sɛ kuo baako hwɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no fie adwumayɛfoɔ no so; ná Henadad mma+ ne wɔn nso mma ne wɔn nuanom, Lewifoɔ no ka wɔn ho.
10 Berɛ a adansifoɔ no too Yehowa asɔrefie no fapem wieeɛ no,+ asɔfoɔ a wɔhyehyɛ asɔfotaadeɛ kurakura ntorobɛnto,+ ne Lewifoɔ, Asaf mma, a wɔkurakura nnawuro* no sɔre yii Yehowa ayɛ, sɛdeɛ Israel hene Dawid kyerɛeɛ no.+ 11 Wɔde nnwontoɔ daa Yehowa ase yii no ayɛ; obiara gyee ne yɔnko so+ sɛ: “Ɔyɛ na ɔdɔ a ɔwɔ ma Israel no nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”+ Ɛnna ɔman no nyinaa nso de osebɔ kɛseɛ yii Yehowa ayɛ, ɛsiane Yehowa fie no fapem a wɔato nti. 12 Asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne agyanom mmusua mu mpanimfoɔ no, wɔn mu pii a wɔanyinyini a wɔhunuu kane fie no+ memaa wɔn nne so sui berɛ a wɔtoo efie yi fapem wɔ wɔn anim no. Nnipa pii nso bɔɔ ose dendeenden.+ 13 Ɛno nti ɔman no anhunu osebɔ gyegyeegye ne esu gyegyeegye no mu nsonsonoeɛ, ɛfiri sɛ na ɔman no reyɛ dede kɛse, na wɔtee no akyirikyiri.