Esra
1 Persia hene Kores+ afe a ɛdi kan mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia+ so kaeɛ no bɛba mu nti, Yehowa kanyan+ Persia hene Kores honhom, na ɔmaa wɔbɔɔ dawuro+ n’ahennie nyinaa mu, na wɔtwerɛɛ+ nso sɛ:
2 “Sɛdeɛ Persia hene Kores seɛ nie,+ ‘Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn no,+ de asase so ahennie nyinaa ama me,+ na ɔno na wahyɛ me sɛ mensi fie mma no Yerusalem+ a ɛwɔ Yuda. 3 Enti obiara a ɔka mo ho a ɔsom no no, ne Nyankopɔn nni n’akyi.+ Ma no mforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na ɔnsan nkɔsi Yehowa, Israel Nyankopɔn, fie a na ɛwɔ Yerusalem no.+ Ɔno ne nokorɛ Nyankopɔn no.+ 4 Na obiara a waka a ɔte baabiara sɛ hɔhoɔ+ no, ma ɛhɔfoɔ mfa dwetɛ ne sika ne ahodeɛ ne afieboa ne ayɛyɛdeɛ biara a wɔwɔ+ mma no na ɔmfa mmoa nokorɛ Nyankopɔn fie adwuma wɔ Yerusalem.’”
5 Ɛnna Yuda ne Benyamin agyanom mmusua mu atitire+ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ, obiara a nokorɛ Nyankopɔn kaa n’akoma+ no, sɔree sɛ wɔresan akɔsi Yehowa fie+ a na ɛwɔ Yerusalem no. 6 Na wɔn a wɔte bɛn wɔn nyinaa de dwetɛ nneɛma, sika, ahodeɛ, ne afieboa ne nneɛma a ne boɔ yɛ den bɛboaa wɔn,+ ɛsono afɔrebɔdeɛ a wɔfiri wɔn akomam de baeɛ+ no.
7 Bio nso, Ɔhene Kores de Yehowa fie+ nneɛma a Nebukadnesar kɔfa firii Yerusalem+ de kɔguu ne nyame fie+ no baeɛ. 8 Na Persia hene Kores de hyɛɛ fotosanfoɔ Mitredat nsa maa no kan maa Yuda abusua mu panin+ Sesbasar.+
9 Nneɛma no dodoɔ nie: sika nkɛntɛn aduasa, dwetɛ nkɛntɛn apem, anwenneɛ afoforɔ aduonu nkron, 10 sika nkuruwa+ aduasa, dwetɛ nkuruwa a ɛdi hɔ ahanan ne du, ne nneɛma a ɛkeka ho apem. 11 Sika ne dwetɛ nneɛma no nyinaa si mpemnum ahanan. Yeinom ne nneɛma a Sesbasar+ de baeɛ, berɛ a ɔne nnommum+ no firi Babilon resan aba Yerusalem no.