20 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: “Nya akokoɔduro,+ yɛ den na keka wo ho. Nsuro,+ na mmɔ hu+ nso, na Yehowa Nyankopɔn, me Nyankopɔn no ka wo ho.+ Ɔrempa wo+ na ɔrennya wo kɔsi sɛ wobɛwie Yehowa fie adwuma no nyinaa.
13 “Me na mama obi so wɔ tenenee mu,+ na mɛtene n’akwan nyinaa.+ Ɔno na ɔbɛkyekyere me kuro,+ na ɔbɛma me nkurɔfoɔ a wɔwɔ nkoasom mu ade wɔn ho.+ Ɔrennye akatua+ anaa adanmudeɛ biara,” asafo Yehowa asɛm nie.