14 Afei nso Onyankopɔn fie sika ne dwetɛ nneɛma+ a Nebukadnesar sesa firii asɔrefie a na ɛwɔ Yerusalem de kɔɔ Babilon asɔredan+ mu no, Ɔhene Kores+ yiyi firii Babilon asɔredan no mu de maa deɛ wɔfrɛ no Sesbasar+ a ɔyɛɛ no amrado+ no.
5 Onyankopɔn fie sika ne dwetɛ nneɛma+ a Nebukadnesar+ sesa firii asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem de kɔɔ Babilon no nso, wɔnyiyi na wɔnsan mfa nkɔ Yerusalem asɔrefie nkɔgu baabi a ɛguo wɔ Onyankopɔn fie hɔ.’+