24 ‘O Awurade Tumfoɔ Yehowa, wo na woama w’akoa ahunu wo kɛseyɛ+ ne wo basa denden no.+ Onyame bɛn na ɔwɔ soro anaa asase so a ɔbɛtumi ayɛ wo nnwuma ne w’ahoɔdenneɛ yi bie?+
10 Ampa ara, Yehowa ne Onyankopɔn.+ Ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ+ ne daa Hene.+ N’abufuhyeɛ nti, asase bɛwoso,+ na ɔman biara nni hɔ a ɛbɛgyina n’abohuro ano.+
4 Afei ɛdefa nnuane a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom a obi bɛdie+ ho deɛ, yɛnim sɛ bosom nyɛ hwee+ wɔ wiase, na Onyankopɔn biara nso nni hɔ sɛ baako no ara.+