Deuteronomium 6:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 “O Israel, tie: Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro.+ Deuteronomium 32:39 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 39 Afei monhunu sɛ mene Onyankopɔn+Na anyame biara nka me ho.+Me na mekum, na me na megye nkwa.+Mepira,+ na mesa,+Na obiara rentumi nhwim biribi mfiri me nsam.+ Dwom 83:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Na nnipa nhunu+ sɛ wo a wo din de Yehowa+ no,Wo nko ara ne Ɔsorosoroni,+ asase nyinaa so.+ Yesaia 37:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 “O asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn+ a wote kerubim soɔ, wo nko ara wone nokorɛ Nyankopɔn, asase so ahennie nyinaa so.+ Wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase.+ Yesaia 44:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 “Deɛ Yehowa aka nie, Israel Hene+ ne ne Gyefoɔ,+ Asafo Yehowa asɛm nie: ‘Mene odikanfoɔ ne okyikafoɔ,+ na m’akyi no Onyankopɔn biara nni hɔ.+ Marko 12:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Yesu buaa sɛ: “Deɛ ɛdi kan ne sɛ, ‘O Israel tie, Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro,+ 1 Korintofoɔ 8:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Afei ɛdefa nnuane a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom a obi bɛdie+ ho deɛ, yɛnim sɛ bosom nyɛ hwee+ wɔ wiase, na Onyankopɔn biara nso nni hɔ sɛ baako no ara.+ Efesofoɔ 4:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Onyankopɔn baako+ ne obiara Agya a ɔdi obiara so na ɔfa obiara so na ɔwɔ obiara mu no.
39 Afei monhunu sɛ mene Onyankopɔn+Na anyame biara nka me ho.+Me na mekum, na me na megye nkwa.+Mepira,+ na mesa,+Na obiara rentumi nhwim biribi mfiri me nsam.+
16 “O asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn+ a wote kerubim soɔ, wo nko ara wone nokorɛ Nyankopɔn, asase so ahennie nyinaa so.+ Wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase.+
6 “Deɛ Yehowa aka nie, Israel Hene+ ne ne Gyefoɔ,+ Asafo Yehowa asɛm nie: ‘Mene odikanfoɔ ne okyikafoɔ,+ na m’akyi no Onyankopɔn biara nni hɔ.+
4 Afei ɛdefa nnuane a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom a obi bɛdie+ ho deɛ, yɛnim sɛ bosom nyɛ hwee+ wɔ wiase, na Onyankopɔn biara nso nni hɔ sɛ baako no ara.+