6 Na Yehowa bɛtwaam n’anim paee mu kaa sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ+ ne ɔdomfoɔ,+ deɛ ne bo kyɛre fuo+ na n’adɔeɛ+ ne ne nokorɛdie+ dɔɔso.
2 Na mo ara monim nnɛ sɛ ɛnyɛ mo mma na me ne wɔn kasaeɛ. (Wɔn deɛ, wɔnnim na wɔanhunu Yehowa mo Nyankopɔn ntenesoɔ+ ne ne kɛseyɛ,+ ne nsa a ɛyɛ den+ ne ne basa a watene mu,+
18 wo a woyɛ mpempem adɔeɛ,+ na wotua agyanom bɔne so ka gu wɔn mma a wɔdi wɔn akyi kokom;+ wone nokorɛ Nyankopɔn, Otumfoɔ+ ne Opumpuni+ no, na asafo Yehowa+ ne wo din.+