18 ‘Yehowa bo kyɛre fu+ na n’adɔeɛ+ dɔɔso, na ɔde mfomsoɔ ne mmarato firi,+ nanso ɔremma deɛ ɔdi fɔ mfa ne ho nni.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom mpo so.’+
9 Nkoto wɔn na nsom wɔn,+ ɛfiri sɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me no.+ Na agyanom a wɔtan me deɛ, mede wɔn bɔne ho asotwe ba wɔn mma ne wɔn mmanana ne wɔn nanankansowanom mpo so;+
10 yei nti mede mmusuo reba Yeroboam fie so, na mɛtwa Yeroboam fie barima+ biara atwene, Israel nipahunu a ɔnni ɔboafoɔ+ mpo; mɛpra Yeroboam fie nyinaa akɔ+ sɛdeɛ obi pra nantwibini kɔto guo no.+