22 Ɛno nti na wosõ kokuroo+ no, O Awurade Tumfoɔ Yehowa; obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ,+ na Onyame biara nni hɔ sɛ wo,+ anyame a yɛde yɛn aso ate wɔn ho asɛm no nyinaa mu.
23 Ɛnna ɔkaa sɛ: “O Yehowa, Israel+ Nyankopɔn, Onyame biara nni hɔ, ɔsoro ne asase so a ɔte sɛ woɔ;+ wo a wokora apam ne adɔeɛ+ so ma wo nkoa+ a wɔde wɔn akoma nyinaa nante w’anim+ no.
19 “Hwɛ! Obi bɛsɔre sɛ gyata+ afiri Yordan kwaeɛbirentuo no mu aba huntabea hɔ,+ nanso mɛma no adwane afiri ne mu ntɛm.+ Deɛ wɔayi no na mede no bɛsi ne soɔ. Hwan na ɔte sɛ me?+ Hwan na ɔne me bɛdi asie,+ na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim?+