15 Afei Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ:
“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn,+ Isak Nyankopɔn,+ ne Yakob Nyankopɔn+ na asoma me mo nkyɛn.’ Yei ne me din de kɔsi daa,+ na yei na wɔmfa nkae me awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+